Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 6:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛno nti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Mene AWURADE, na mɛgye mo afiri Misraim nkoasom mu, na mayi mo afiri wɔn nyadie no mu, na mede basa a atene ne atemmuo akɛseɛ magye mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ɛno nti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Mene AWURADE, na mɛgye mo afiri Misraim nkoasom mu, na mayi mo afiri wɔn nyadie no mu, na mede basa a atene ne atemmuo akɛseɛ magye mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Enti ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwonwade de ayi wɔn afi nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Enti, ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwanwadeɛ de ayi wɔn afiri nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛno nti ka kyerɛ Israelfo sɛ: Mene AWURADE, na megye mo afi Misraim nkoasom no ase, na mayi mo mafi wɔn anyadi no mu, na mede basa a ateɛ ne atemmu akɛse magye mo.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 6:6
46 Referencias Cruzadas  

(ɛfiri sɛ wɔbɛte wo din kɛseɛ ne wo nsa denden ne wo basa a woama so no nka), sɛ ɔba bɛbɔ mpaeɛ kyerɛ ɛdan yi a,


na mmom AWURADE a ɔde ahoɔden kɛseɛ ne basa a watene mu kɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no, ɔno na monsuro no, na ɔno na monsɔre no, na ɔno na mommɔ no afɔdeɛ.


Na hwan na ɔte sɛ wo man Israel, asase so man baako a Onyankopɔn akɔgye wɔn afa ayɛ ɔman, na wode nnoɔma akɛseɛ ne adeɛ a ɛyɛ hu agye din, na woatutu amanaman, wo man a wogyee wɔn Misraim no anim no?


Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn.


Asuasu hunuu wo, Onyankopɔn, asuasu hunuu wo, na wɔbɔɔ binim, abunu nso wosowosoe.


Nanso me man antie me nne, na Israel ampene me.


Meyii ne mmatiri firii adesoa ase, ne ne nsa firii kɛntɛn ho;


wofrɛɛ ahohia mu, na meyii wo wɔ mu, mefiri aprannaa mu megyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛɛ Meriba asuo ho.


Na wɔsisii wɔn so adwumayɛfoɔ so mpanimfoɔ sɛ wɔmfa nnesoadeɛ a emu yɛ duro nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkuro Pitom ne Raamses maa Farao.


Na mfeɛ ahanan aduasa no awieeɛ no, ɛda no ara na AWURADE asafo no nyinaa firii Misraim asase soɔ.


Na da no ara AWURADE yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so, sɛdeɛ wɔn asafo teɛ.


Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.


Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mo firii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.


Wode w’adɔeɛ gyaa ɔman a woagye wɔn yi, wode w’ahoɔden kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ wo kronkronyɛ tenabea.


Na Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ: Anwummerɛ na mobɛhunu sɛ AWURADE na ɔyii mo Misraim asase soɔ;


Na Yetro, Midian sɔfoɔ a ɔyɛ Mose ase no tee nnoɔma a Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ayi Israel afiri Misraim no.


Na Mose nyiniiɛ no, da bi ɔfirii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn sɛ ɔrekɔhwɛ wɔn adwumayɛ no; na ɔhunuu sɛ Misraimni bi reboro ne nuanom mu bi a ɔyɛ Hebrini.


Na mese: Mɛyi mo afiri Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ no.


Na masiane sɛ merebɛyi wɔn Misraimfoɔ nsam, na matu wɔn afiri asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ tenabea hɔ.


Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, adɛn nti na wo bo huru tia ɔman a wode ahoɔden kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den kɔyii wɔn Misraim asase so baeɛ no?


Na Onyankopɔn ne Mose kasae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE,


ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE, ka deɛ mɛka makyerɛ woɔ nyinaa kyerɛ Misraimhene Farao.


Na mede mo bɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma Abraham, Isak, Yakob no so, na mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ. Mene AWURADE.


Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa bɛto Misraim so, na mayi m’asafo, me man Israelfoɔ no, afiri Misraim asase so wɔ atemmuo akɛseɛ mu.


Na sɛ metene me nsa wɔ Misraim so na meyi Israelfoɔ firi wɔn mu a, na Misraimfoɔ bɛhunu sɛ mene AWURADE.


Siriafoɔ wɔ apueeɛ, na Filistifoɔ wɔ atɔeɛ, na wɔbɛtrɛ wɔn anomu amene Israel. Yei nyinaa mu no, n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


Enti AWURADE rennya wɔn mmeranteɛ ho anigyeɛ, na ne yam renhyehye no wɔn nwisiaa ne wɔn akunafoɔ ho; na wɔn nyinaa yɛ nnebɔneyɛfoɔ ne wɔn a nyamesuro nni wɔn mu, na ano nyinaa ka agyegyentwisɛm. Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre tia Yuda. Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


Na me ara mede nsa a atene ne basa a ɛyɛ den ne abufuo ne abohuro ne anibereɛ kɛseɛ ne mo bɛko,


Me na mede me tumi kɛseɛ ne me basa a atene meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛdeɛ ɛtene wɔ m’ani soɔ.


Na wode nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a atene ne ahudeɛ kɛseɛ yii wo man Israel firii Misraim asase so,


Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, mede nsa a ɛyɛ den ne basa a emu atene ne anibereɛ a wɔahwie aguo na ɛbɛdi mo so hene.


Israel man yi, Nyankopɔn na ɔyii yɛn agyanom, na ɔman no te Misraim asase so sɛ ahɔhoɔ no, ɔmaa wɔn so, na ɔde nsa a wama soɔ yii wɔn firii hɔ.


Na monhunu nnɛ, (na ɛnyɛ me ne mo mma a wɔnnim na wɔnhunuiɛ no) monhunu AWURADE mo Nyankopɔn ntea, ne kɛseyɛ, ne nsa a ɛyɛ den ne ne basa a watene mu


Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo; enti na nnɛ merehyɛ wo mmara yi.


Na AWURADE de nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu ne ahodwirideɛ akɛseɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yii yɛn firii Misraim bae.


Monhwɛ mo ho yie na mo werɛ amfiri AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔne mo pameeɛ no, na moanyɛ ohoni a ɛyɛ biribiara a AWURADE wo Nyankopɔn abara woɔ nsɛsoɔ amfa.


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wɔatene mu yii wo firii hɔ, enti na AWURADE wo Nyankopɔn hyɛ wo sɛ di homeda no.


hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE a ɔyii wo Misraim asase so firii nkoafie mu no:


sɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu a AWURADE wo Nyankopɔn de yii woɔ no; saa na AWURADE wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wosuro wɔn no nyinaa.


Na ɛsiane sɛ AWURADE dɔ mo na ɔdi ne ntam a ɔkaa mo nananom no soɔ nti na ɔde nsa a ɛyɛ den yii mo, na ɔgyee mo firii nkoafie firii Misraimhene Farao nsam.


Na wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a woatene ayi wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios