Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 6:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na yeinom ne Lewi mma din wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu: Gerson, Kohat ne Merari. Na Lewi mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa nson.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na yeinom ne Lewi mma din wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu: Gerson, Kohat ne Merari. Na Lewi mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa nson.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Lewi mmabarima: Gerson, Kohat, Merari Lewi dii mfe ɔha aduasa ason.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Lewi mmammarima: Gerson, Kohat, Merari. (Lewi dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na eyinom ne Lewi mma din wɔn awo ntoatoaso mu: Gerson ne Kahat ne Merari. Na Lewi mfe a odii si mfe ɔha aduasa asɔn.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 6:16
22 Referencias Cruzadas  

Na Isak nna nyinaa yɛ mfirinhyia ɔha aduɔwɔtwe.


Na Lewi mmammarima ne: Gerson, Kohat ne Merari.


Na Ruben mmammarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.


Na Yakob tenaa Misraim asase so mfeɛ dunson, na Yakob nna, ne nkwa mfirinhyia, yɛ mfeɛ ɔha aduanan nson.


Na Yosef wui, berɛ a na wadi mfirinhyia ɔha ne du. Na wɔhyɛɛ ne mu aduro, na wɔde no too adaka mu wɔ Misraim.


Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sɛdeɛ Lewi mma no teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.


Lewi mma ne: Gerson, Kehat ne Merari.


Lewi mma: Gersom, Kehat ne Merari.


Ɛnna Lewifoɔ no sɔreeɛ, Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel, wɔfiri Kohatfoɔ mma mu; ne Merari mma mu: Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria; ne Gersonfoɔ no mu: Sima ba Yoah ne Yoah ba Eden.


Na ɔbarima bi a ɔfiri Lewi fie kɔwaree Lewi babaa bi.


Na Kohat mma ne: Amram ne Ishar, Hebron ne Usiel. Na Kohat mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.


Na Amram faa n’agya nua Yokebed waree, na ɔwoo Aaron ne Mose maa no. Na Amram mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa nson.


Kora a n’agya ne Isehar a ɔyɛ Lewi ba Kohat ba no ne Eliab mma Datan, Abiram ne Pelet ba On a wɔfiri Ruben abusua mu, faa nnipa bi,


Na Lewifoɔ a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Gerson deɛ, Gersonfoɔ abusua; Kohat deɛ, Kohatfoɔ abusua; Merari deɛ, Merarifoɔ abusua.


Na yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn din teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.


Na yeinom ne Gerson mma din, sɛdeɛ wɔn mmusuakuo teɛ: Libni ne Simei.


Na Kohat mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, ne: Amram ne Isehar, Hebron ne Usiel.


Na Merari mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ ne: Mahli ne Musi. Yeinom ne Lewi mmusua no, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ.


Gerson deɛ ne Libni abusua ne Simei abusua; yeinom ne Gersonfoɔ mmusua no.


Na ntonto no ba maa Kohatfoɔ mmusua, na Ɔsɔfoɔ Aaron mma a wɔfiri Lewifoɔ mu no nam tonto so nyaa Yuda abusuakuo ne Simeon abusuakuo ne Benyamin abusuakuo mu nkuro dummiɛnsa.


Na Gersonfoɔ no nam ntonto so nyaa Isakar abusuakuo mmusua ne Aser abusuakuo ne Naftali abusuakuo ne Manase abusuakuo fa a ɛwɔ Basan no mu nkuro dummiɛnsa.


Simeon abusuakuo mu, mpem dummienu, Lewi abusuakuo mu, mpem dummienu, Isakar abusuakuo mu, mpem dummienu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios