Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 6:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Mose kasae wɔ AWURADE anim sɛ: Hwɛ, Israelfoɔ ntie me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao bɛtie me a meyɛ ano mu momonoto yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na Mose kasae wɔ AWURADE anim sɛ: Hwɛ, Israelfoɔ ntie me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao bɛtie me a meyɛ ano mu momonoto yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso Mose kae se, “Sɛ Israelfo no rentie me a, ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me, bere a mʼano ntewee yi?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso, Mose kaa sɛ, “Dabi, afei deɛ, me ara me nkurɔfoɔ no rentie asɛm a mɛka biara bio. Na mʼano nso nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na matumi akasa ama atɔ Farao asom?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Hwɛ, Israelfo no ntie me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me a meyɛ ano mu momonoto yi.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 6:12
16 Referencias Cruzadas  

Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Hwan ne me a merekɔ Farao nkyɛn makɔyi Israelfoɔ afiri Misraim?


Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Na sɛ meduru Israelfoɔ nkyɛn, na meka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nananom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn, na wɔbisa me sɛ: Ne din de sɛn a, sɛn na mense wɔn?


Na Mose buaa AWURADE sɛ: Na sɛ wɔannye me anni, na wɔantie me nne, na wɔka sɛ: AWURADE nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ!


Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me deɛ, ɛde bɛsi nnɛ anaa ɛfiri berɛ a wo ne w’akoa kasaeɛ yi, m’ano nte; me kasa yɛ nyaa, na me tɛkyerɛma yɛ duru.


Na AWURADE ne Mose ne Aaron kasae, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ Israelfoɔ ne Misraimhene Farao nkyɛn nkɔyi Israelfoɔ no mfiri Misraim asase so.


Na Mose kaa no AWURADE anim sɛ: Hwɛ, ano mu momonoto ne me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao bɛtie me?


Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfoɔ no; nanso ahometeɛ ne nkoasom denden no nti wɔantie no.


Ɛnna mekaa sɛ: Mennue, na mayera; na meyɛ onipa a m’ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu, ɛfiri sɛ Ɔhene, asafo AWURADE, na m’ani ahu no yi!


Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn! Nokorɛ, mennim kasa, ɛfiri sɛ meyɛ abɔfra.


Hwan na menkasa menkyerɛ no, na memmɔ no kɔkɔ, na wɔate? Hwɛ, wɔn aso asisi, na wɔntumi ntie asɛm; hwɛ, AWURADE asɛm adane wɔn ahohoradeɛ, ɛnyɛ wɔn dɛ.


Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anwea pradada soɔ na wɔatwitwa wɔn nwi de di awufoɔ nni nyinaa; ɛfiri sɛ amanaman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ, na Israel fie nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.


me nso mene wɔn dii asie, na mede wɔn kɔɔ wɔn atamfoɔ asase so; — na sɛ afei wɔn akoma momonoto no bɛbrɛ ase na wɔapene wɔn amumuyɛ ho asotwe no so a,


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios