Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 4:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔse: Fa wo nsa sane hyɛ wo kokom! Na ɔsane de ne nsa hyɛɛ ne kokom, na ɔyi firii ne kokom no, na adane sɛ ne honam ara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔse: Fa wo nsa sane hyɛ wo kokom! Na ɔsane de ne nsa hyɛɛ ne kokom, na ɔyi firii ne kokom no, na adane sɛ ne honam ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade ka kyerɛɛ no bio se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu bio.” Enti Mose san de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛnea ɛte kan no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Fa wo nsa hyɛ wo bo bio.” Ɔde ne nsa hyɛɛ ne bo bio na ɔyiiɛ no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛdeɛ ɛte kane no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na ose: Fa wo nsa san hyɛ wo kokom! Na ɔsan de ne nsa hyɛɛ ne kokom, na oyi fii ne kokom, na hwɛ, adan sɛ ne honam ara.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 4:7
6 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔsiane de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mprɛnson, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa asɛm no teɛ no; na ne honam sane baa mu sɛ abɔfra ketewa honam, na ne ho firiiɛ.


Na sɛ wɔannye wo anni na wɔammu kane nsɛnkyerɛnneɛ no a, wɔbɛgye deɛ ɛtɔ so mmienu no adi.


Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no kɔeɛ.


Na ɔrekɔ akuraa bi aseɛ no, mmarima du bi a wɔyɛ akwatafoɔ hyiaa no a wɔgyinagyina akyirikyiri,


Afei monhunu sɛ me ara mene no, na onyame biara nka me ho. Me na mekum, na mema nkwa, mepira, na mesa, na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios