Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 4:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Ɛnna AWURADE bo fuu Mose, na ɔse: Adɛn mennim sɛ Aaron wo nua Lewini no, nim kasa? Na hwɛ, wafiri adi rebɛhyia wo, na sɛ ɔhu wo a, n’akoma bɛtɔ ne yam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Ɛnna AWURADE bo fuu Mose, na ɔse: Adɛn mennim sɛ Aaron wo nua Lewini no, nim kasa? Na hwɛ, wafiri adi rebɛhyia wo, na sɛ ɔhu wo a, n’akoma bɛtɔ ne yam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Awurade bo fuwii, enti ɔkaa se, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ, minim sɛ nʼano atew. Na hwɛ ɔno na ɔrebehyia wo no, na sɛ ohu wo a, nʼani begye.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Awurade bo fuiɛ enti ɔkaa sɛ, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ? Menim sɛ nʼano ate. Na hwɛ ɔno na ɔrebɛhyia wo no, na sɛ ɔhunu wo a, nʼani bɛgye.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Ɛnna AWURADE bo fuw Mose, na ose: So minnim sɛ wo nua Aaron, Lewini no, nim kasa? Na hwɛ, wafi adi rebehyia wo, na sɛ ohu wo a, ne koma bɛtɔ ne yam.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 4:14
19 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE bo fuu Usa, na mfomsoɔ no nti Onyankopɔn bɔɔ no wɔ hɔ, na ɔwuu Nyankopɔn adaka no nkyɛn mu.


Na AWURADE bo fuu Salomo, ɛfiri sɛ n’akoma adane afiri AWURADE, Israel Nyankopɔn a wayi ne ho akyerɛ no mprenu


Nanso asɛm yi ansɔ Nyankopɔn ani nti, ɔbɔɔ Israel.


Ɔsomaa n’akoa Mose ne Aaron a ɔyii no no.


Na Mose kaa sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Soma obi foforɔ biara a wopɛ.


Na poma yi a wode bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ no, fa kura.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Kɔ ɛserɛ so kɔhyia Mose. Na ɔkɔ kɔtoo no wɔ Nyankopɔn bepɔ no ho, na ɔfee n’ano.


Na wɔkaa sɛ: Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa a? Na AWURADE tee.


Na ɛsɔɔ Honhom Kronkron ne yɛn ani sɛ, wɔmfa adesoa bi nto mo soɔ, gye deɛ ɛhia yi ara, ɛne


mannya honhom mu ahomeka, ɛfiri sɛ manhunu me nua Tito; enti mekraa wɔn mefirii hɔ mekɔɔ Makedonia.


ɛfiri sɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara deɛ, na ɛnyɛ deɛ ɛyɛ Kristo Yesu deɛ.


Na mesomaa Mose ne Aaron, na mehaa Misraim, sɛdeɛ meyɛɛ no wɔ mu no, na akyire yi no meyii mo firii hɔ.


Ɛberɛ a Yakob kɔɔ Misraim na Misraimfoɔ hyɛɛ wɔn soɔ no, mo agyanom su frɛɛ AWURADE, na AWURADE somaa Mose ne Aaron na wɔyii mo agyanom firii Misraim maa wɔbɛtenaa ha yi.


Na Nyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnyɛ me ho adi na meyi mekyerɛɛ w’agya fie berɛ a wɔwɔ Misraim, Farao fie no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios