Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 3:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na mmaa mmisabisa wɔn afipamfoɔ ne wɔn afitenafoɔ nkyɛn dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne ntoma, na momfa nhyehyɛ mo mmammarima ne mo mmammaa, na Misraimfoɔ nnoɔma no nyɛ mo asadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na mmaa mmisabisa wɔn afipamfoɔ ne wɔn afitenafoɔ nkyɛn dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne ntoma, na momfa nhyehyɛ mo mmammarima ne mo mmammaa, na Misraimfoɔ nnoɔma no nyɛ mo asadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔbea biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntama pa mfi nʼafipamfo ne ne fifo mmea nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ho. Saayɛ so na mobɛfa afow Misraimfo no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔbaa biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntoma pa mfiri nʼafipamfoɔ ne ne fiefoɔ mmaa nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa ho. Wɔnam saa yɛ so bɛpansam Misraimfoɔ ahonyadeɛ te sɛ deɛ wɔafom asadeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na mmea mmisabisa wɔn afipamfo ne wɔn afitenafo nkyɛn dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne ntama, na momfa nhyehyɛ mo mmammarima ne mo mmabea, na Misraimfo nneɛma no nyɛ mo asade.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 3:22
9 Referencias Cruzadas  

Na ɔman a wɔbɛsom wɔn no, mɛbu wɔn atɛn, na akyire yi no, wɔde ahodeɛ pii bɛfiri hɔ akɔ.


Na ɔsomfoɔ no yii dwetɛ nnwinneɛ ne sika kɔkɔɔ nnwinneɛ ne ntadeɛ de maa Rebeka; na ɔde nnoɔma a ɛsom boɔ maa ne nuabarima ne ne na.


Na ɔde wɔn ne dwetɛ ne sika firi kɔe, na onipa a ɔyɛ mmerɛ biara nni ne mmusuakuo mu.


Afei kasa ma ɔman no nte sɛ: Mmarima ne mmaa mmisabisa wɔn nnamfonom hɔ dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ.


Onipa pa gya n’adeɛ ma mma mma, na ɔdebɔneyɛni ahonyadeɛ deɛ, wɔtia ma ɔteneneeni.


Due, ɔsɛefoɔ a wo deɛ, wɔnsɛee woɔ, ɔfatwafoɔ a wɔmfaa wo ntwaeɛ! Sɛ wogyae ɔsɛeɛ no a, wɔbɛsɛe wo, na sɛ wonya wie ɔfatwa a, wɔde wo bɛtwa.


na wɔrenkɔ wiram anyina, na wɔrentwa bi mfiri kwaeɛ mu, na akodeɛ no na wɔbɛsɔ; na wɔbɛfom wɔn a wɔfomm wɔn, na wɔafom afa wɔn a wɔfomm wɔn faeɛ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios