Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 3:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na wɔbɛtie wo nne, na wo ne Israel mpanimfoɔ nkɔ Misraimhene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, abɛhyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na wɔbɛtie wo nne, na wo ne Israel mpanimfoɔ nkɔ Misraimhene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, abɛhyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 “Israelfo mpanyimfo betie wʼasɛm no. Na ɛsɛ sɛ wo ne mpanyimfo no kɔ Misraimhene hɔ kɔka kyerɛ no se, ‘Awurade, Hebrifo Nyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn se, yentu nnansa kwan nkɔ sare so nkɔbɔ afɔre mma no.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 “Israelfoɔ mpanimfoɔ bɛtie wʼasɛm na wɔne wo akɔ Misraimhene hɔ akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Awurade, Hebrifoɔ Onyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn sɛ, yɛntu nnansa ɛkwan nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afɔdeɛ mma no. Enti, ma yɛn ɛkwan.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na wobetie wo nne, na wo ne Israel mpanyimfo nkɔ Misraim hene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn, abehyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ sare so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔre.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 3:18
40 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me.


Ka kyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, na wasoma me wo nkyɛn sɛ: Ma me man nkɔ nkɔsom me ɛserɛ so, na hwɛ, wontiee de abɛduru sɛsɛɛ.


Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Wobɛma wo ho so wɔ m’anim akɔsi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua anɔpahema kɔgyina Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man nkɔ nkɔsom me.


Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ asafo ba ma wo sɛ obosuo firi adekyeeɛ yam.


Na Nyankopɔn nsa baa Yuda nso so, sɛ ɔrema wɔn akoma korɔ sɛ wonni ɔhene ne asafohene no adeɛ a wɔde AWURADE asɛm hyɛeɛ no so.


Sɛdeɛ yɛtiee Mose, ade nyinaa mu no, saa ara na yɛbɛtie woɔ; die na AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyire, sɛdeɛ ɔdii Mose akyire no.


Na gya gu ahyiaeɛ ntomadan no mu, Adanseɛ no anim, deɛ me ne mo hyia hɔ no.


Na fa si ntwamutam a ɛwɔ Adanseɛ adaka no ho no anim wɔ mpata adwa a ɛsi Adanseɛ no soɔ no anim, deɛ me ne wo bɛhyia hɔ no.


Na ɛhɔ na me ne wo bɛhyia, na mafiri mpata adwa no so wɔ kerubim mmienu a wɔwɔ Adanseɛ adaka no soɔ no ntam maka wo nnoɔma a mɛhyɛ wo sɛ fa kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa.


Da a Israelfoɔ sii mu firii Misraim asase soɔ no, ne bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa so pɛpɛɛpɛ na wɔduruu Sinai serɛ so.


Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfoɔ na wahunu wɔn amanehunu no, wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Na AWURADE bɛtoaa no ɔkwan so asoɛeɛ bi pɛɛ sɛ ɔku no.


Kɔ, na kɔboaboa Israel mpanimfoɔ ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Hwɛ na mabɛhwɛ mo ne deɛ wɔreyɛ mo wɔ Misraim no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mɛdi w’akyi; na yei bɛyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ sɛ me na mesomaa woɔ. Wonya yi ɔman no firi Misraim ba a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ bepɔ yi so.


Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ, na ɔhyiraa me


Na Abram dii mfirinhyia aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no kaa sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, nante m’anim, na yɛ pɛ.


Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo deɛ, firi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ asase a mɛkyerɛ woɔ no so.


na montie me nkoa adiyifoɔ a meresoma wɔn mo nkyɛn a metua nhema mesoma wɔn, na moantie wɔn nsɛm no a,


Na wɔanka sɛ: AWURADE a ɔyii yɛn firii Misraim asase soɔ, na ɔmaa yɛfaa serɛ soɔ, nkyɛkyerɛ ne amena asase soɔ, pɛsɛɛyɛ ne esum kabii asase soɔ, asase a obi mfa soɔ na onipa bi nte soɔ no wɔ hen?


Kɔ na kɔpae gu Yerusalem aso mu sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mekae wo mmabaaberɛ mu adɔeɛ, w’ayeforɔ berɛ mu dɔ no, m’akyiri a wodiiɛ wɔ ɛserɛ soɔ, asase a wɔnnua so adeɛ no so.


Wohyia deɛ ɔde anigyeɛ di asɛntenenee, wɔn a wɔkae wo w’akwan soɔ no. Hwɛ, wo bo fui, na yɛyɛɛ bɔne; na ɛno mu na yɛwɔ dadaada yi, na wɔbɛgye yɛn nkwa anaa?


Na si bi fekɔfekɔ, na fa bi si Adanseɛ no anim ahyiaeɛ ntomadan no mu, deɛ me ne wo bɛhyia no: Ɛnyɛ mo akronkronneɛ mu ade kronkron.


Na odwanefoɔ bi bɛka kyerɛɛ Hebrini Abram a ɔte Amorini Mamre, Eskol ne Aner nua no pɔ mu; na wɔne Abram wɔ apam.


Na Mose buaa AWURADE sɛ: Na sɛ wɔannye me anni, na wɔantie me nne, na wɔka sɛ: AWURADE nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ!


Na yei akyi no, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ma me man nkɔ na wɔnkɔhyɛ fa mma me wɔ ɛserɛ so.


Na wɔse: Hebrifoɔ Nyankopɔn abɛhyia yɛn; enti ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan, na yɛnkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn afɔdeɛ, na wamfa owuyadeɛ anaa nkrantɛ ammɛtua yɛn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua anɔpahema kɔgyina Farao anim; berɛ a ɔrefiri adi aba nsuo no ano; na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ma me man no nkɔ na wɔnkɔsom me.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene di ɔman no anim, na fa Israel mpanin mu bi ka wo ho, na fa wo poma a wode bɔɔ Asuo Nil mu no kura wo nsam kɔ.


Na mese wo sɛ: Ma me ba nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma no ankɔ a, hwɛ, me deɛ, mɛkum w’abakan.


Na mede ɔhyeɛ bɛto me man ne wo man ntam; ɔkyena na nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios