Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 28:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ nyansa akoma a mede nyansa honhom mahyɛ wɔn mu amaama no nyinaa na wɔmpam Aaron ntadeɛ no, na wɔmfa nyɛ no kronkron na ɔnni me sɔfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ nyansa akoma a mede nyansa honhom mahyɛ wɔn mu amaama no nyinaa na wɔmpam Aaron ntadeɛ no, na wɔmfa nyɛ no kronkron na ɔnni me sɔfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ka kyerɛ nnipa a mama wɔn adepam ho nyansa na wɔmpam atade no. Ɛno na ɛbɛma no ada nsow wɔ ne mfɛfo mu na ama watumi asom me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ka kyerɛ nnipa a mama wɔn adepam ho nyansa na wɔmpam atadeɛ no. Ɛno na ɛbɛma ne ho ada nso wɔ nʼafɛfoɔ mu na ama watumi asom me.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ nyansa koma a mede nyansa honhom mahyɛ wɔn mu amaama no nyinaa na wɔmpam Aaron ntade no, na wɔmfa nyɛ no kronkron, na onni me sɔfo.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 28:3
16 Referencias Cruzadas  

Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, animuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyie honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu,


Na AWURADE honhom bɛsi ne so, nyansa ne nhunumu honhom, afotuo ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.


Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.


Na nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma, ɛfiri sɛ Mose de ne nsa guu ne so; na Israelfoɔ tiee no, na wɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na AWURADE na ɔma nyansa, n’anomu na nimdeɛ ne nteaseɛ firi ba.


Wɔn na ɔde akoma mu nyansa ahyɛ wɔn ma sɛ wɔnni adwini ahodoɔ nyinaa, sikadwumfoɔ, duadwumfoɔ, ɔnwomfoɔ a ɔdi bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa mu adwini ne ntomanwomfoɔ deɛ; wɔn a wɔdi adwini biara, ne wɔn a wɔbɔ wɔn tirim di adwini ahodoɔ.


Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Monhwɛ, AWURADE afrɛ Hur ba Uri ba Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu,


Na mmaa a wɔwɔ nyansa akoma nyinaa de wɔn nsa too asaawa, na wɔde deɛ wɔtoeɛ no bae, bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa;


na ɔde Nyankopɔn honhom ahyɛ no ma, nyansa, nhunumu, nimdeɛ ne adwinnie nyinaa mu,


Na Besalel ne Oholiab ne wɔn a AWURADE ama wɔn nimdeɛ ne nhunumu sɛ wɔnhunu adeɛ no yɛ nyinaa na wɔbɛyɛ kronkronbea ɔsom no ho adwuma sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no.


ɔyɛ Naftali abusuakuo mu ɔbaa kunafoɔ bi ba, na n’agya yɛ Tironi a ɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ dwumfoɔ; na nyansa ne nhunumu ne kɔbere mfrafraeɛ adwinnie ho nimdeɛ nyinaa ahyɛ no ma; na ɔbaa Ɔhene Salomo nkyɛn bɛdii n’adwini nyinaa maa no.


Na mo mu akoma mu anyansafoɔ nyinaa mmra mmɛyɛ adeɛ a AWURADE ahyɛ nyinaa,


Na Mose frɛɛ Besalel, Oholiab ne animdefoɔ a AWURADE de nyansa ahyɛ wɔn akoma mu nyinaa, wɔn a wɔn akoma kanyan wɔn sɛ wɔmmra adwuma no ho mmɛyɛ nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios