Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 26:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na fa ntoma no mu nnum toatoa so yɛ no baako, na fa nsia nso toatoa so yɛ no baako, na buka ntoma a ɛtɔ so nsia no ma no nkata ntomadan no so wɔ anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na fa ntoma no mu nnum toatoa so yɛ no baako, na fa nsia nso toatoa so yɛ no baako, na buka ntoma a ɛtɔ so nsia no ma no nkata ntomadan no so wɔ anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ka saa nkataso yi anum bɔ mu na ɛnyɛ ade tɛtrɛɛ baako; na fa asia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ ade tɛtrɛɛ baako. Wobebu nkuruso a ɛto so asia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɔdan kronkron no nhiniano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ka saa nkatasoɔ enum yi sisi anim ma ɛnyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako; na fa nsia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako. Wɔbɛbu nkatasoɔ ɛtɔ so nsia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɛdan kronkron no nkatano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na fa ntama no mu anum toatoa yɛ no biako, na fa asia nso toatoa yɛ no biako, na bukaw ntama a ɛto so asia no ma ɛnkata ntamadan no so wɔ anim.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 26:9
4 Referencias Cruzadas  

Na bobɔ nkantankoraa aduonum wɔ ntoma baako a ɛdi akyire no mmuano so wɔ ntoaeɛ no so, ne nkantankoraa aduonum nso wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ntoma no mmuano so.


Wɔmfa ntoma no nnum ntoatoa so, baako ntoa baako so; na ntoma nnum nso ntoatoa so, baako ntoa baako so.


Na fa mmirekyie nwi yɛ ntoma, na fa yɛ tenabea no so ntomadan. Yɛ no ntoma dubaako.


Ntoma no baako tentene nyɛ basafa dunum, na ntoma no baako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa mmienu; ntoma dubaako no nsusuiɛ nyɛ baako.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios