Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 24:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson foro kɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson foro kɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson no foro kɔɔ bepɔw no so

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Afei Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson no foro kɔɔ bepɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanyimfo mu aduɔsɔn foro kɔe.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 24:9
10 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Siane kɔ, na wo ne Aaron mforo mmra; na mma asɔfoɔ no ne ɔman no ntra hyeban no mmforo mmma AWURADE nkyɛn, na wanto anhyɛ wɔn so.


Na Mose deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri.


Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfiri Israelfoɔ mu mmra wo nkyɛn, na wɔnyɛ me asɔfoɔ: Aaron ne ne mma Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.


Na ɔse: Wontumi nhunu m’anim, ɛfiri sɛ onipa renhunu m’anim nnya nkwa.


Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma.


Ɔberempɔn no nko, ɔberempɔn a ɔyɛ nti na ɔbɛtena mu adidie, AWURADE anim. Ɔbɛfa ɛpono kɛseɛ no ntwonoo kwan so ahyɛne mu, na wafa ɔkwan no so afiri adi.


Na Aaron mma Nadab ne Abihu fefaa wɔn gyasɔ adeɛ, na wɔde ogya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so, na wɔde ananagya a ɔnhyɛɛ wɔn ho mmara baa AWURADE anim.


Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boaboa Israel mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wonim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanimfoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ, na fa wɔn bra ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wɔne wo mmɛgyina hɔ.


Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Wuo na yɛrebɛwuwuo, sɛ yɛahunu Onyankopɔn yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios