Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 24:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na wantene ne nsa anka Israelfoɔ mu atitire no; na wɔhwɛɛ Onyankopɔn, na wɔdidii na wɔnomee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na wantene ne nsa anka Israelfoɔ mu atitire no; na wɔhwɛɛ Onyankopɔn, na wɔdidii na wɔnomee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛwɔ mu sɛ mpanyimfo no huu Onyankopɔn de, nanso wansɛe wɔn. Nokwarem, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛwom sɛ mpanimfoɔ no hunuu Onyankopɔn deɛ, nanso wansɛe wɔn. Nokorɛm, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na wanteɛ ne nsa anka Israelfo mu atitiriw no; na wɔhwɛɛ Onyankopɔn, na wodidii na wɔnomee.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 24:11
24 Referencias Cruzadas  

Na Yetro, Mose ase no, de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanin nyinaa baa sɛ wɔne Mose ase rebɛdidi wɔ Nyankopɔn anim.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔantra hyeban no amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ.


Na Yakob bɔɔ afɔdeɛ wɔ bepɔ no so, na ɔfrɛɛ ne nkurɔfoɔ sɛ wɔmmɛdidi; na wɔdidii na wɔtenaa bepɔ no so anadwo no.


Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasaeɛ no din sɛ: Wone El-roi, na ɔse: Mahunu deɛ ɔhu me no ampa anaa?


Na wɔn mu akɛseɛ soma nkumaa no nsuosa; wɔba nsubɔnhwa ano, wɔnnya nsuo; wɔde wɔn nhina hunu sane ba, wɔn ani awuwu, wɔn anim agu ase, wɔkatakata wɔn ti.


Kɔ na fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsa, na Nyankopɔn ani asɔ wo nneyɛɛ dada.


Na mmapɔmma no nnim deɛ mekɔeɛ ne deɛ meyɛeɛ. Na Yudafoɔ, asɔfoɔ, mmakoma, mmapɔmma ne nkaeɛ a wɔbɛyɛ adwuma no, na mennya menka menkyerɛɛ wɔn.


Na ɔfaa ɔha ha so asafohene no ne aberempɔn no ne ɔman no sodifoɔ ne asase no sofoɔ nyinaa, na ɔde ɔhene no firii AWURADE fie sianee, na wɔbaa ɔhene fie pono a ɛkorɔn no mu, na wɔde ɔhene no tenaa ahennie adwa no so.


Ɛnna ɔde Ahab din twerɛtwerɛɛ nwoma, na ɔde ne nsɔanodeɛ sosɔɔ ano, na ɔsomasoma maa wɔde nwoma no kɔmaa mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔwɔ ne kurom a wɔne Nabot te mu no.


Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Wuo na yɛrebɛwuwuo, sɛ yɛahunu Onyankopɔn yi.


Ɛno mu na nkaeɛ bi siane kɔtiaa atumfoɔ, AWURADE man siane kɔtiaa dɔmmarima maa me.


na ɛhɔ na monnidi AWURADE mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afie ani nnye ade a mode mo nsa ka a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira woɔ no mu nyinaa.


sɛ ɔman bi ate Nyankopɔn nne sɛ ɛfiri ogya mu rekasa, sɛdeɛ woateɛ yi, na wɔanya nkwa anaa?


Asubura a atitire tuiɛ na ɔman mu mmapɔmma funufunuiɛ, wɔde ahempoma ne wɔn mpoma. Na wɔfiri serɛ so kɔɔ Matana;


Na Mose deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri.


Ɛfiri sɛ ampa ara Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na wɔwɔ tumi, na ne mu na wɔbɛhyira wiase aman nyinaa.


Ano ne ano na me ne no de kasa ehunu mu, na ɛnyɛ mmebuo mu, na ɔhunu AWURADE suban. Na adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?


na ɛbɛyɛ dɛn na me wura akoa yi bɛtumi ne me wura yi akasa? Ɛfiri sɛ, afei deɛ ahoɔden biara nni me mu, na home biara nso nni me mu.


Woaka me ahyɛm, m’akyiri ne m’anim, na wode wo nsa ato me so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios