Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 23:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Nnansia na fa yɛ w’adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no, fa home; na wo nantwie ne w’afunumu nhome, na w’afenaa ba ne wo hɔhoɔ nya ahomegyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Nnansia na fa yɛ w’adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no, fa home; na wo nantwie ne w’afunumu nhome, na w’afenaa ba ne wo hɔhoɔ nya ahomegyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Nnansia na momfa nyɛ adwuma na monhome ne nnanson so. Eyi bɛma mo anantwi, mo mfurum, mo fifo, mo asomfo ne mo ahɔho nso ahome.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Nnansia na fa yɛ adwuma na home ne nnanson so. Yei bɛma wʼanantwie, wo mfunumu, wo fiefoɔ, wʼasomfoɔ ne wʼahɔhoɔ nso ahome.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Nnansia na fa yɛ w'adwuma, na ɛda a ɛto so ason no, fa home; ma wo nantwi ne w'afurum nhome, na w'afenaa ba ne wo hɔho nya ahomegye.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 23:12
13 Referencias Cruzadas  

Na hyiadan no mu panin a ɛyɛɛ no ahi sɛ Yesu saa yadeɛ homeda no bua see nkurɔfokuo no sɛ: Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ adwuma; emu na mommra na wɔnsa mo yadeɛ, na ɛnyɛ homeda.


Monnsɔ gya mo tenaberɛ nyinaa homeda.


Wɔka sɛ: Adɛn nti na yɛdi mmuada na wonhunu, yɛbrɛ yɛn kra ase na wonnim yi? Hwɛ, mo abuada da no, moyɛ deɛ mo ara mopɛ, na moteetee mo adwumayɛfoɔ nyinaa.


Nnansia na yɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, home, funtum berɛ mu ne otwa berɛ mu na home.


Na ɔsee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ nnipa.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ AWURADE aka nie: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wɔdi ma AWURADE, monto deɛ mowɔ to, na monnoa deɛ mowɔ noa; na deɛ ɛbɛka no, momfa nsie nkɔsi anɔpa.


na deɛ ɛtɔ so nson no so deɛ, ma asase no nhome na ɛnna hɔ kwa, na wo man mu ahiafoɔ nni, na deɛ wɔbɛgya no, wiram mmoadoma mmɛdi. Saa ara na yɛ wo bobe turo ne wo ngodua turo.


Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no nyɛ mo homeda kronkron a mode home ma AWURADE; obiara a ɔbɛyɛ mu adwuma no, wɔbɛku no.


Nnansia na wɔnyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ home mu homeda, wɔnhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara, ɛyɛ AWURADE homeda mo tenabea nyinaa mu.


Na Tirofoɔ bi a wɔte kurom hɔ nso de mpataa ne adetɔnneɛ ahodoɔ nyinaa ba, na wɔbɛtɔn no home da ma Yuda mma ne Yerusalemfoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios