Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 22:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Sɛ obi de afunumu, sɛ nantwie, sɛ odwan, sɛ aboa bi ma ne yɔnko asie, na aboa no wu anaa ɔpira anaasɛ wɔka no to wiram na obi anhunu a,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Sɛ obi de afunumu, sɛ nantwie, sɛ odwan, sɛ aboa bi ma ne yɔnko asie, na aboa no wu anaa ɔpira anaasɛ wɔka no to wiram na obi anhunu a,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Sɛ obi de afurum, nantwi, oguan anaa aboa foforo bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa opira anaa oguan na sɛ obi anhu ammɛka a,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Sɛ obi de afunumu, nantwie, odwan anaa aboa foforɔ bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa ɔpira anaa ɔdwane na sɛ obi anhunu ammɛka a,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Sɛ obi de afurum, sɛ nantwi, sɛ oguan, sɛ aboa bi ma ne yɔnko asie, na owu anaa opira anaasɛ wɔka no to wuram na obi anhu a,

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 22:10
6 Referencias Cruzadas  

Nanso wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: Hwɛ, sɛ me wura anya me nti ɔnhwɛ deɛ ɛwɔ ne fie, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ahyɛ me nsa.


AWURADE ntam mmra wɔn baanu ntam, sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko aboa no. Na ɔdenadeɛ no mpene na ɔbaako no nsi no ananmu.


Mmarato ho asɛm biara, nantwie deɛ oo, afunumu deɛ oo, odwan deɛ oo, atadeɛ deɛ oo, adeɛ a ayera biara a nnipa baanu bɛpere ho sɛ ɛyɛ wɔn dea no obi bɛka sɛ “ɛne no” deɛ oo, Nyankopɔn anim ara na wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra. Deɛ Onyankopɔn bɛbu no fɔ no, mmɔ ho mmienu nhyɛ ne yɔnko no ananmu.


Na deɛ ɔnnim na ɔyɛ ahwedeɛ no, wɔbɛhwe no kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, ne nkyɛn na wɔbɛhwehwɛ pii; na deɛ wɔde pii ahyɛ ne nsa no, ɔno na wɔbɛbisa no deɛ ɛboro soɔ.


Na enti sɛ moanni ahonyadeɛ a ɛntene no mu nokorɛ a, hwan na ɔde ahodeɛ pa no bɛhyɛ mo nsa?


Ɛno ara nti na mehunu amaneɛ yi nso, nanso m’ani nwu ho; ɛfiri sɛ menim onii ko a magye no madie, na megye medi pa ara sɛ ɔbɛtumi ahwɛ deɛ wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios