Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 21:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Sɛ ɔnsɔ ne wura a ɔtɔɔ no sɛ ɔreware no ani a, ɔmma wɔmmɛgye no, na ɔnni ho kwan sɛ ɔbɛtɔn no ama ɔnanani bi, ɛfiri sɛ wadaadaa no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Sɛ ɔnsɔ ne wura a ɔtɔɔ no sɛ ɔreware no ani a, ɔmma wɔmmɛgye no, na ɔnni ho kwan sɛ ɔbɛtɔn no ama ɔnanani bi, ɛfiri sɛ wadaadaa no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ ne som no nsɔ onipa a ɔtɔɔ no no ani a, onipa ko a ɔtɔn no no wɔ ho kwan sɛ ɔsan tɔ no bio. Nanso afenaa no wura no nni ho kwan sɛ ɔtɔn no ma ɔnanani biara, efisɛ sɛ ɔyɛ saa a, na wabu ɔtɔn no ho nhyehyɛe so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ ne som no nsɔ onipa a ɔtɔɔ no no ani a, onipa ko a ɔtɔn no no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔsane bɛtɔ no bio. Nanso afenaa no wura no nni ho ɛkwan sɛ ɔtɔn no ma ɔnanani biara, ɛfiri sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na wabu ɔtɔn no ho nhyehyɛeɛ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Sɛ ɔnsɔ ne wura a ogyee no aware no ani a, ɔmma wommegye no, na onni ho kwan sɛ ɔbɛtɔn no ama ɔnanani bi, efisɛ wadaadaa no.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 21:8
13 Referencias Cruzadas  

Na Esau hunuu sɛ Kanaan mmammaa nyɛ wɔ n’agya Isak ani soɔ no,


Me nuanom twa nkontompo sɛ asusɔsuwa, sɛ subonhwa a emu nsuwansuwa resene korɔ.


Na sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa kɔyɛ afenaa a, ɛnneɛ ɔmmfa ne ho nnkɔdi sɛ nkoa no.


Na sɛ ɔgye no awareɛ ma ne ba a, ɔnyɛ no sɛ ɔbabaa.


Na Mose kaa sɛ: Hwɛ, merebɛfiri wo nkyɛn makɔ makɔpa AWURADE kyɛw na nwansena no afiri Farao ne ne nkoa ne ne man so ɔkyena; na nkontompo nko ara na Farao nntwa bio sɛ ɔremma ɔman no nkɔ nkɔbɔ afɔdeɛ mma AWURADE.


Na mɛma asase no adane afo, ɛfiri sɛ wɔadi afomfonsɛm, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na onii ko a wagye ɔbaa bi awadeɛ na ɔnnya nhyiaa no no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu na obi ammfa no sɛ ɔyerɛ.


Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nuanom mma mmaa ne me man nyinaa mu nni ɔbaa bi, na worekɔ akɔware ɔbaa Filistifoɔ momonotofoɔ no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.


ɛnneɛ, sɛ nokorɛ ne tenenee mu na mo ne Yerubaal ne ne fie adi nnɛ yi a, mo ani nnye Abimelek ho, na ɔno nso ani nnye mo ho.


Na Saulo bo fuu kɛse, na asɛm no anyɛ no dɛ. Na ɔkaa sɛ: Wɔde mpem du ama Dawid, na me deɛ, apem na wɔde ama me, na ɛdeɛn na aka no bio sɛ ahennie no?


Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkaa sɛ: Ma yɛn ɔhene na ɔnni yɛn so no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpaeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios