Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 20:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mommmɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, obebu mo fɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mommmɔ Awurade Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Mmɔ Awurade wo Nyankopɔn din kwa, na Awurade remma nea ɔbɔ ne din kwa no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 20:7
25 Referencias Cruzadas  

Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Na monnka me din ho ntam atorɔ mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene AWURADE.


Na me nuanom, yeinom nyinaa akyiri no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa asase anaa ntam biara. Na momma mo aane nyɛ aane, na mo dabi nyɛ dabi, na moanhwe atemmuo mu.


na sɛ woka ntam sɛ: AWURADE teasefoɔ nokorɛ mu, atemmuo ne tenenee mu a, amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehyɛ wɔn ho.


Yei na yɛbɛyɛ wɔn, na yɛama wɔatena ase, na ntam a yɛkaa wɔn no nti, abufuo amma yɛn so.


Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛbɛdi bem afiri ntam a womaa yɛkaeɛ yi ho.


Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yie yi, mo nso mobɛyɛ m’agya fie yie, na momma me nokorɛ nsɛnkyerɛnneɛ,


na mammee mampa wo manka sɛ: Hwan ne AWURADE? Nanso manni hia manwia adeɛ mamfom me Nyankopɔn din.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.


Na me deɛ, mefrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnni me kra adanseɛ sɛ, mempɛ sɛ mebɛho mo werɛ nti na mamma Korinto bio no.


Na afei deɛ, mma ne ho nnyɛ no tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafoɔ, na wobɛhunu adeɛ a wobɛyɛ no, na woama ne dwono nam mogya mu asiane akɔ Asamando.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;


Na Nyankopɔn nipa Elisa abɔfra Gehasi kaa sɛ: Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman yi, sɛ wannye deɛ ɔde baeɛ no ne nsam; sɛ AWURADE te aseɛ yi, mɛtu mmirika mati no makɔgye ne hɔ biribi.


Wɔn a wɔkasa tia wo mmusuo mu ne w’atamfo a wɔbɔ wo din ahuhudeɛ mu no.


Na moasane akɔgu me din ho fi, na mo nyinaa amema mo nkoa ne mo mfenaa a mogyaa wɔn kwan maa wɔfaa wɔn ho kɔdii sɛ wɔn kra pɛ no sane bae, na mohyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ mo nkoa ne mfenaa.


Na mɛma wɔahunu me din kronkron me man Israel mu, na meremma wɔngu me din kronkron no ho fi bio, na amanaman ahunu sɛ mene AWURADE, Israel mu kronkronni no.


Na Isak bisaa ne ba no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa no ntɛm sɛɛ yi, me ba? Na ɔse: Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na ɔmaa me hyiaa yie.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios