Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 2:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔbuee soɔ no, ɔhunuu akɔkoaa no, na hwɛ, na ɔyɛ abarimaa a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔse: Hebrifoɔ mma no bi nie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔbuee soɔ no, ɔhunuu akɔkoaa no, na hwɛ, na ɔyɛ abarimaa a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔse: Hebrifoɔ mma no bi nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔde bae a obuee so no, ohuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhow. Ɔkae se, “Ɔyɛ Hebrifo yi bi ba.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔde baeɛ a ɔbuee so no, ɔhunuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhoɔ. Ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ Hebrifoɔ yi binom ba.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na obuee so no, ohuu akokoaa no, na hwɛ, ɛyɛ abarimaa a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ose: Hebrifo mma no bi ni.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 2:6
10 Referencias Cruzadas  

na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ ne wɔn mmarato a wɔato afom woɔ no nyinaa kyɛ wɔn, na ma wɔnnya wɔn nnommumfafoɔ no anim mmɔborɔhunu, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ.


Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.


Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa hunuu wɔn mmɔbɔ.


Ɛnna Farao hyɛɛ ne man nyinaa sɛ: Ɔbabanin biara a wɔbɛwo no no, monkɔto no ntwene asubɔnten no mu, na mmammaa nyinaa deɛ, momma wɔntena ase.


Na Farao babaa siane baa asuo no ano adwareɛ, na ne mmaawa repasa asuo no nsunoa. Berɛ a Farao babaa hunuu adaka no wɔ wira no mu no, ɔsomaa n’abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra.


Ɛnna ne nuabaa no ka kyerɛɛ Farao babaa no sɛ: Menkɔ menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no mu nufomafoɔ bi memmrɛ wo, na ɔmmɛma akɔkoaa no nufoɔ mma wo anaa?


Ɔhene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ.


sɛ wɔmma obiara akoa ne obiara afenaa a wɔyɛ Hebrifoɔ mfa wɔn ho nni, na obiara anni ne nua a ɔyɛ Yudani nya.


Na wɔtoo no tweneeɛ no, Farao babaa kɔfaa no, na ɔtetee no de no yɛɛ ne ba.


N’awieeɛ ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkorɔ, monhunu mmema mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmema mo ho, monnwene ahobrɛaseɛ adwene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios