Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 2:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na ɔbuaa sɛ: Hwan na ɔde wo sii yɛn so otitire ne osennifoɔ? Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ wokum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ɔse: Ampa ara, asɛm no apue!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na ɔbuaa sɛ: Hwan na ɔde wo sii yɛn so otitire ne osennifoɔ? Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ wokum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ɔse: Ampa ara, asɛm no apue!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔbarima no nso bisaa no se, “Wufi he? Hena na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifo ne temmufo? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobekum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no?” Mose huu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, osuroe.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔbarima no nso bisaa no sɛ, “Wofiri he? Hwan na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobɛkum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no?” Mose hunuu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, ɔsuroeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na ose: Hena na ɔde wo sii yɛn so otitiriw ne sennifo? Wopɛ sɛ wukum me sɛnea wukum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ose: Asɛm no anya afi!

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 2:14
17 Referencias Cruzadas  

Na Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ: Mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, na yɛyɛ anuanom.


Na wɔkaa sɛ: Twe wo ho firi hɔ! Na wɔse: Saa onipa yi ba bɛyɛɛ ɔhɔhoɔ, ɛnna afei ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔtemmufoɔ yi! Afei yɛbɛyɛ wo bɔne akyɛne wɔn. Na wɔhyɛɛ ɔbarima Lot so denden twe baa sɛ wɔbɛbubu ɛpono no.


Yakob mmammarima no baa atɔfoɔ no so bɛfom kuro no mu nnoɔma fae, ɛfiri sɛ wɔagu wɔn nua no ho fi.


Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wira so bosuo.


Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.


Ɛyɛ adewa sɛ woayi yɛn afiri asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so rebɛku yɛn ɛserɛ soɔ, na woredi yɛn so abakomasɛm nso yi?


na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so dwa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ayɛ yie! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara na AWURADE wɔ wɔn mu, na adɛn nti na moma mo ho so AWURADE badwa soɔ?


Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?


Na ɔbisaa no sɛ: Onipa, hwan na ɔde me sii mo so sɛnnifoɔ anaa ɔdekyɛfoɔ?


Na ne manfoɔ tane no, na wɔsomaa abɔfoɔ dii n’akyiri sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.


Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim!


Mose yi ara a wɔpaa no sɛ: Hwan na ɔde wo sii ɔpanin ne ɔtemmufoɔ no, ɔno ara na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho kyerɛɛ no wɔ wura no mu no nsa soɔ somaa no sɛ ɔpanin ne ɔgyefoɔ.


Gyidie nti na ɔgyaa Misraim hɔ, na wansuro ɔhene abufuo, na mmom ɔmiaa n’ani tenaa mu sɛdeɛ ɔhunu deɛ wɔnhunuu no no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios