Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 19:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔman mu no nyinaa buaa prɛko sɛ: Deɛ AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose sane kɔkaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔman mu no nyinaa buaa prɛko sɛ: Deɛ AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose sane kɔkaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Yɛbɛyɛ biribiara a Awurade aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ Awurade.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛyɛ biribiara a Awurade aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti, Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ Awurade.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔman mu no nyinaa buae prɛko sɛ: Nea AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose san kɔkaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 19:8
9 Referencias Cruzadas  

wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛdi Nyankopɔn mmara a wɔnam Nyankopɔn akoa Mose so hyɛeɛ no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ nyinaa;


Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yɛbɛtie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu.


Na Mose ba bɛkaa AWURADE nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no. Na ɔman mu no nyinaa de nne koro gyee so sɛ: Nsɛm a AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ.


Na ɔfaa apam nwoma no, na ɔkenkan guu ɔman no aso mu. Ɛnna wɔse: Deɛ AWURADE aka no nyinaa, yɛbɛyɛ na yɛbɛtie.


Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfoɔ na wahunu wɔn amanehunu no, wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Dabi, na AWURADE ara na yɛbɛsom no.


Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛbɛsom no, na ne nne na yɛbɛtie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios