Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 19:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Mo ara moahunu deɛ meyɛɛ Misraim no ne sɛdeɛ mesoaa mo akɔdeɛ ntaban soɔ, na mede mo aba me nkyɛn yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Mo ara moahunu deɛ meyɛɛ Misraim no ne sɛdeɛ mesoaa mo akɔdeɛ ntaban soɔ, na mede mo aba me nkyɛn yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 ‘Moahu nea meyɛɛ Misraimfo no ne ɔkwan a mefaa so soaa mo wɔ ɔkɔre ntaban so de mo baa me nkyɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 ‘Moahunu deɛ meyɛɛ Misraimfoɔ no ne ɛkwan a menam so de mo baa me nkyɛn te sɛ deɛ na mote ɔkɔdeɛ ntaban so no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Mo ara moahu nea meyɛɛ Misraim no ne sɛnea mesoaa mo akɔre ntaban so, na mede mo maba me nkyɛn yi.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 19:4
15 Referencias Cruzadas  

na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.


Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.


Ɛsiane apam a me ne mo pameeɛ berɛ a mofirii Misraim baeɛ no, ɛna me honhom a ɛte mo mu no nti, monnsuro.


Ɛnyɛ agya korɔ na yɛn nyinaa yɛwɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn korɔ na ɔbɔɔ yɛn? Ɛnam deɛn so nti na onua twa onua nkontompo sɛ yɛde bɛgu yɛn agyanom apam ho fi yi?


AWURADE mo Nyankopɔn a ɔdi mo anim no, ɔno na ɔbɛko ama mo, sɛdeɛ ɔyɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no ara,


ne ɛserɛ so a wohunuu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn kura wo sɛdeɛ onipa kura ne ba, akwan a mofaa soɔ no nyinaa so bɛsii sɛ moduruu ha yi.


Yei ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam Moab asase so nka apam a ɔne wɔn pamm Horeb ho no mu nsɛm no ho.


Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara moahunu deɛ AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo ani so wɔ Misraim asase soɔ no nyinaa,


Monhwɛ mo ho yie, na monhwɛ mo kra nso so yie, na mo werɛ amfiri nsɛm a mo ani ahunu no, na mo nkwa nna nyinaa mu amfiri mo akoma mu, na ma mo mma ne mo asefoɔ nhunu.


Na mo nso moahunu deɛ AWURADE mo Nyankopɔn ayɛ amanaman yi, mo anim; na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko maa mo.


Na wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ kɛseɛ no ntaban mmienu sɛ ɔmfa ntu nkɔ ɛserɛ so wɔ ne tenaberɛ, deɛ wɔbɛhwɛ no ɛberɛ ne mmerɛ ne berɛ fa afiri ɔwɔ no anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios