Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 19:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na bɔ ɔman no ho hyeban, na ka sɛ: Monhwɛ yie na moamforo bepɔ no anaasɛ moanka ne hyeɛ. Obiara a ɔbɛka bepɔ no no, wuo na ɔbɛwuo;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na bɔ ɔman no ho hyeban, na ka sɛ: Monhwɛ yie na moamforo bepɔ no anaasɛ moanka ne hyeɛ. Obiara a ɔbɛka bepɔ no no, wuo na ɔbɛwuo;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Twitwa ahye sɛnea nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn se, ‘Monhwɛ yiye. Mommforo nkɔ bepɔw no atifi na monnkɔ nʼahye no nso so; obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Twitwa ahyeɛ sɛdeɛ nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ yie. Mommforo nkɔ bepɔ no atifi na monnkɔ nʼahyeɛ no nso so; obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na bɔ ɔman no ho hyeban, na ka sɛ: Monhwɛ yiye na moamforo bepɔw no anaasɛ moanka ne hye. Obiara a ɔbɛka bepɔw no, owu na obewu;

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 19:12
11 Referencias Cruzadas  

Na Farao ka kyerɛɛ no sɛ: Firi me so kɔ, hwɛ wo ho yie, na mma m’anim bio; na da a wobɛba m’anim no, wobɛwu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔantra hyeban no amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ.


Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɔman no rentumi mforo mma Sinai bepɔ so, ɛfiri sɛ wo ara woabɔ yɛn kɔkɔ aka sɛ: Bɔ bepɔ no ho hyeban na yɛ no kronkron.


Na Mose nko ntwe mpini AWURADE, na wɔn deɛ, wɔnntwe mmpini na ɔman no ne no mmforo mmma.


Hwɛ wo ho yie na wo ne deɛ ɔte asase a worekɔ soɔ no soɔ no ampam, na wɔammɛdane wo mu fidie;


Mma obiara nnka wo ho mmforo mmma, na mma wɔnnhunu obiara nso bepɔ no so baabiara, na mma nnwan anaa anantwie mmmɛdidi bepɔ no ho.


na hyɛ ɔman no sɛ: Morebɛtwam mo nuanom Esau mma a wɔte Seir no hyeɛ so, na wɔsuro mo, monhwɛ mo ho yie,


Monhwɛ mo ho yie, na monhwɛ mo kra nso so yie, na mo werɛ amfiri nsɛm a mo ani ahunu no, na mo nkwa nna nyinaa mu amfiri mo akoma mu, na ma mo mma ne mo asefoɔ nhunu.


Na moamma bepɔ a wɔde nsa ka no ho, ne ogya a ɛrehyeɛ ne mununkum kusuu ne esum ne mframa a ɛbɔ huu


nanso monsusu ɔkwan bɛyɛ sɛ basafa apem nto mo ne no ntam, mommmɛn no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na moahunu kwan ko a mobɛfa soɔ, ɛfiri sɛ momfaa ɔkwan yi so pɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios