Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 19:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnsi wɔn ntadeɛ;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnsi wɔn ntadeɛ;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sian kɔ nnipa no nkyɛn na kɔtew wɔn ho nnɛ ne ɔkyena. Ma wɔnhoro wɔn nneɛma nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Siane kɔ nnipa no nkyɛn na kɔhwɛ sɛ wɔasiesie wɔn ho rehwɛ me ɛkwan. Fa ɛnnɛ ne ɔkyena te wɔn ho. Ma wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnhoro wɔn ntade;

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 19:10
24 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montoto anyame ananafoɔ a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnwira mo ho, na monsakyera mo ntadeɛ.


Na Saulo ba Mefiboset siane ba bɛhyiaa ɔhene; na ɔnsiesiee ne nan ase, na ɔnyii ne bɔgyesɛ, na ne ntadeɛ nso ɔnsii, firi da a ɔhene kɔeɛ no de bɛsi da a ɔbaa fie asomdwoeɛ mu no.


Nanso na asɔfoɔ no nnɔɔso nti, wɔn nko ara antumi anyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa, enti wɔn nuanom Lewifoɔ no boaa wɔn kɔsii sɛ wɔwiee adwuma no ansa na asɔfoɔ no reyɛ wɔn ho kronkron. Na na Lewifoɔ no akoma tene sene asɔfoɔ no wɔn ho kronkronyɛ no mu.


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Lewifoɔ, montie, afei monyɛ mo ho kronkron, na monyɛ AWURADE mo Nyankopɔn fie kronkron, na monyiyi fi no mfiri kronkronbea hɔ.


Na apontoɔ nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kɔdwira wɔn, na ɔtua nhema kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔn nyinaa dodoɔ teɛ, ɛfiri sɛ Hiob kaa sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn akoma mu. Saa na na Hiob yɛ daa.


Na obiara a ɔsoa wɔn afunu no, ɔnsi ne ntadeɛ, ɛfiri sɛ ne ho nte kɔsi anwummerɛ.


Na deɛ ɔka ne mpa no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ;


Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena, na mobɛdi nam, ɛfiri sɛ moakɔsu agu AWURADE aso mu sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie? Anka na ɛyɛ ma yɛn wɔ Misraim. Enti AWURADE bɛma mo nam adi:


Na deɛ ne ho teɛ no mpete ngu deɛ ne ho nteɛ no so, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ɔnnwira ne ho da a ɛtɔ so nson no, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho ate anwummerɛ.


adeɛ biara a ɛkɔ ogya mu no, momma no mfa ogya mu na ɛho nte, nanso momfa ahodwira nsuo nnwira ho. Na adeɛ biara a ɛnkɔ ogya mu no, momma no mfa nsuo mu.


Na monsi mo ntadeɛ da a ɛtɔ so nson no, na mo ho nte, na ɛno akyi ansa na mommra nsraban no mu.


Na Lewifoɔ no yii wɔn ho bɔne, na wɔsii wɔn ntadeɛ, na Aaron him wɔn sɛ ohim afɔdeɛ, AWURADE anim, na Aaron pata maa wɔn de dwiraa wɔn ho.


Na sɛdeɛ dwira wɔn nie: Fa bɔneyie nsuo pete wɔn so, na wɔmfa yiwan nyi wɔn ho nyinaa, na wɔnsi wɔn ntadeɛ, na wɔmfa nte wɔn ho.


Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


momma yɛmfa nokorɛ akoma wɔ gyidie a akyinnyeɛ nni mu koraa mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn akoma ho afiri ahonim bɔne mu, na wɔde nsuo korɔgyenn adware wɔn nipadua.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monte mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ mo mu anwanwadeɛ.


Sɔre te ɔman no ho na ka sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena; na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Ahyiradeɛ wɔ wo mu, Israel! Worentumi nnyina w’atamfo anim kɔsi sɛ mobɛyi ahyiradeɛ no afiri mo mu.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apono no ano akɔ kuro no mu.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


Na ɔse: Asomdwoeɛ mu: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE; monnwira mo ho na mo ne me nkɔ afɔdeɛ no ho. Na ɔdwiraa Yisai ne ne mma no ho, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔdeɛ no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios