Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 18:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Mose kaa nnoɔma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amaneɛ a ɛtoo wɔn kwan no soɔ nyinaa, ne sɛdeɛ AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n’ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na Mose kaa nnoɔma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amaneɛ a ɛtoo wɔn kwan no soɔ nyinaa, ne sɛdeɛ AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n’ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mose kaa nsɛm a asisi nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa nea Awurade ayɛ atia Farao ne Misraimfo a ɔnam so agye Israelfo, ayi wɔn afi Misraim, asan ayi wɔn afi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Mose kaa nsɛm a asisie nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa deɛ Awurade ayɛ atia Farao ne Misraimfoɔ a ɔnam so agye Israelfoɔ, ayi wɔn afiri Misraim, asane ayi wɔn afiri ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na Mose kaa nneɛma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amane a ɛtoo wɔn ɔkwan no so nyinaa, ne sɛnea AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n'ase.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 18:8
23 Referencias Cruzadas  

Na sɛ abɔfra no nka me ho a, mɛkɔ m’agya anim sɛn? Ɛnneɛ na merekɔhunu bɔne a ɛbɛto m’agya no.


Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ, otumfoɔ a wo ho yɛ hu, a wokora apam ne adɔeɛ, mma ɔbrɛ a ato yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfoɔ ne yɛn adiyifoɔ ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, ɛfiri Asiria ahemfo berɛ so, de bɛsi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.


Na ɔgyee wɔn firii deɛ ɔkyiri wɔn no nsam, na ɔyii wɔn firii ɔtamfoɔ nsam,


Nanso ne din nti ɔgyee wɔn, sɛ ɔbɛma wɔahunu ne mmaninyɛ.


Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afiri ɔhohiahiafoɔ nsam,


Mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa, mommra mmɛtie, na mɛka deɛ wayɛ ama me.


wofrɛɛ ahohia mu, na meyii wo wɔ mu, mefiri aprannaa mu megyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛɛ Meriba asuo ho.


Ehu ne suro gu wɔn so, wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔboɔ, kɔsi sɛ wo man bɛtwam, O AWURADE, kɔsi sɛ ɔman a wogyee wɔn no bɛtwam.


AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa animuonyam, AWURADE, wo nsa nifa no dwɛre atamfoɔ no.


Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yɛnwuwu ne nsa ano, Misraim asase a na yɛtete nam nkukuo ho na yɛdidi meeɛ no so! Na moayi yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ mode ɛkɔm rebɛkunkum asafo mu yi nyinaa.


Na Yetro, Midian sɔfoɔ a ɔyɛ Mose ase no tee nnoɔma a Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ayi Israel afiri Misraim no.


Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfoɔ no, ɔhunuu wɔn tebea a wɔwɔ mu no.


Na me bɔfoɔ no bɛdi w’anim de wo akɔduru Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu, na matu wɔn agu.


Na mese wo sɛ: Ma me ba nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma no ankɔ a, hwɛ, me deɛ, mɛkum w’abakan.


Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa bɛto Misraim so, na mayi m’asafo, me man Israelfoɔ no, afiri Misraim asase so wɔ atemmuo akɛseɛ mu.


Na sɛ metene me nsa wɔ Misraim so na meyi Israelfoɔ firi wɔn mu a, na Misraimfoɔ bɛhunu sɛ mene AWURADE.


Na Mose somaa abɔfoɔ firi Kades kɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ: Sɛ wo nua Israel seɛ nie: Wo ara wonim ɔhaw a ɛtoo yɛn nyinaa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios