Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 16:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfoɔ asafo nyinaa no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so, na hwɛ, AWURADE animuonyam yii adi mununkum no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfoɔ asafo nyinaa no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so, na hwɛ, AWURADE animuonyam yii adi mununkum no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn kwan no wɔ no, Awurade fii mu daa nʼanuonyam kɛse no adi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Enti, Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn ɛkwan no wɔ no, Awurade firii mu daa nʼanimuonyam kɛseɛ no adi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfo asafo nyinaa no, wɔdannan wɔn ani kyerɛɛ sare so, na hwɛ, Awurade anuonyam yii adi omununkum no mu.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 16:10
12 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mate Israelfoɔ anwiinwii no.


na anɔpa na mobɛhunu AWURADE animuonyam, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii a monwiinwii tia AWURADE no; na yɛn deɛ, yɛne hwannom a monwiinwii tia yɛn?


Na AWURADE animuonyam bɛtenaa Sinai bepɔ so, na mununkum no kataa so nnansia, na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔfiri mununkum no mu frɛɛ Mose.


Na Mose ne Aaron hyɛnee ahyiaeɛ ntomadan no mu; na wɔfirii adie no, wɔhyiraa ɔman no. Ɛnna AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ ɔman no nyinaa.


Na Mose kaa sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE hyɛeɛ no, monyɛ, na AWURADE animuonyam nyi ne ho nkyerɛ mo.


Na asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi Yosua ne Kaleb aboɔ. Ɛnna AWURADE animuonyam puee ahyiaeɛ ntomadan no mu kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa.


Na Kora maa asafo mu no nyinaa bɔɔ wɔn so dwa ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ asafo mu no nyinaa.


Na asafo no boaboaa wɔn ano tiaa Mose ne Aaron no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no, na hwɛ, na mununkum no akata so, na AWURADE animuonyam yii ne ho adi.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios