Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 15:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa animuonyam, AWURADE, wo nsa nifa no dwɛre atamfoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa animuonyam, AWURADE, wo nsa nifa no dwɛre atamfoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wo nsa nifa, Awurade, tumi ne anuonyam ahyɛ no ma; wo nsa nifa, Awurade, atetew atamfo mu pasaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wo nsa nifa, Ao, Awurade, tumi ne animuonyam ahyɛ no ma. Wo nsa nifa, Ao, Awurade, atete atamfoɔ mu pasaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa anuonyam, AWURADE wo nsa nifa no dwerɛw atamfo no.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 15:6
27 Referencias Cruzadas  

Fa anwanwa kwan so yi wo dɔ mapa adi kyerɛ, wo a wogye wɔn a wɔhwehwɛ dwanekɔbea, firi wɔn atamfoɔ nsam wɔ wo nifa.


Wode dadeɛ poma bɛbubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.


Hwan ne animuonyam hene yi? Ɛyɛ AWURADE, otumfoɔ kɛseɛ, ɔbrane, AWURADE a ɔyɛ ɔbrane, ɔko mu.


Na ɛnyɛ wɔn ara afena na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na ɛgyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, ɛfiri sɛ wopɛ wɔn.


Wo, Onyankopɔn, wone me Hene, hyɛ na Yakob nnya nkwagyeɛ ara nko.


Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo nti fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye yɛn so.


Adɛn nti na wotwe wo nsa, wo nsa nifa? Yi firi wo kokom, wie wɔn.


Ɛnna mese: Me dadwene a ɛda me soɔ ne sɛ, ɔsorosoroni no nifa asakyera.


Tenenee ne atemmuo ne w’ahennwa nnyinasoɔ, adɔeɛ ne nokorɛ gyina w’anim.


Monto dwom foforɔ mma AWURADE, na wayɛ anwanwadeɛ, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no.


Hwan na ɔte sɛ woɔ, AWURADE, wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu onimuonyamfoɔ, deɛ ne ho yɛ hu ayeyie mu, anwanwadeɛyɛfoɔ.


Wotenee wo nifa, asase menee wɔn.


Ehu ne suro gu wɔn so, wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔboɔ, kɔsi sɛ wo man bɛtwam, O AWURADE, kɔsi sɛ ɔman a wogyee wɔn no bɛtwam.


Na Mose kaa nnoɔma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amaneɛ a ɛtoo wɔn kwan no soɔ nyinaa, ne sɛdeɛ AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n’ase.


enti mɛtene me nsa de m’anwanwadeɛ a mɛyɛ wɔ hɔ no nyinaa mabɔ Misraim, na ɛno akyiri na ɔbɛma moakɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebɛhunu deɛ mɛyɛ Farao, ɛfiri sɛ mede nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na mede nsa a ɛyɛ den bɛma wapamo wɔn afiri n’asase so mpo.


Na me bobɔ te sɛ ɔnwomfoɔ ahina a wɔdwerɛ no dwerɛbee a ebi nka na wɔnnya n’asinasini mu kyɛmferɛ a wɔde bɛtu bukyia mu gya anaasɛ wɔde bɛsa abura mu nsuo.


AWURADE basa, nyane ɛ, nyane ɛ! Hyɛ ahoɔden! Nyane sɛ akane nna no mu, teteete awoɔ ntoatoasoɔ mu. Ɛnyɛ wone deɛ ɔtwitwaa Rahab na ɔhwiree asuboa kɛseɛ no mu no?


AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Deɛ ɔmaa n’animuonyam basa no dii Mose nifa, deɛ ɔpaee nsuo mu, wɔn anim de gyee daa din faeɛ no?


Na mede wɔn bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm nie. Merenhu wɔn mmɔbɔ, na merennya tema mma wɔn, na me yam renhyehye me, sɛ merensɛe wɔn.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn, na ɔbɛbobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ nkukuo,


AWURADE atamfoɔ bɛwie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bɛbu asase ano atɛn; ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama deɛ wasra no ngo no abɛn so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios