Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 15:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ebunu akata wɔn so, wɔamem kɔ aseɛ tɔnn sɛ ɔboɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Ebunu akata wɔn so, wɔamem kɔ aseɛ tɔnn sɛ ɔboɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nsu akata wɔn so. Wɔmemem asubun mu sɛ ɔbo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nsuo akata wɔn so. Wɔmemem subunu mu sɛ ɛboɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ebun akata wɔn so, wɔamem kɔ ase tɔnn sɛ ɔbo.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 15:5
12 Referencias Cruzadas  

Na ɛpo no nso, wopaee mu wɔn anim, maa wɔfaa ɛpo no mu, asase pɛsɛɛ so, na wɔn a wɔtii wɔn no deɛ, wotoo wɔn guu abunu no mu, sɛdeɛ wɔto ɔboɔ twene nsuo a emu dɔ mu.


na nsuo kataa wɔn ahohiahiafoɔ so, wɔn mu baako mpo anka.


Na nsuo no sanee akyire bɛkataa Farao dɔm, nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ a wɔtii wɔn baa ɛpo no mu no nyinaa so, wɔn mu baako mpo anka.


Wode wo mframa hui, ɛpo no kataa wɔn so; wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛseɛ no mu.


Ehu ne suro gu wɔn so, wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔboɔ, kɔsi sɛ wo man bɛtwam, O AWURADE, kɔsi sɛ ɔman a wogyee wɔn no bɛtwam.


Abunu nni hɔ no, na wɔawo me, nsutire a ɛba nsuo pii nni hɔ no;


Afei a wɔabobɔ wo afiri ɛpo ani de wo ahyɛ nsu donkodonko mu yi, w’adwadeɛ ne w’asafo a ɛwɔ wo mu no nyinaa atotɔ.


Mefiri m’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, na ɔtiee me; mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu, na woate me nne.


yɛn ho na wobɛsane ama ne yam ahyehye wo, wobɛpepa yɛn amumuyɛ. Na wobɛto wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bunu mu.


na obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no sɛ wɔde awiyammoɔ sɛne ne kɔn, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bunu mu.


Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɔboɔ bi a ɛte sɛ owiyammoɔ kɛseɛ so to twenee ɛpo mu kaa sɛ: Sɛdeɛ wɔbɛto kuro kɛseɛ Babel atwene hwii ne no, na wɔrenhunu bio koraa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios