Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 15:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Wode wo mframa hui, ɛpo no kataa wɔn so; wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛseɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Wode wo mframa hui, ɛpo no kataa wɔn so; wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛseɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso Onyankopɔn bɔɔ ne mframa ma po kataa wɔn so. Wɔmemem sɛ sumpii wɔ subun no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso, Onyankopɔn bɔɔ ne mframa maa ɛpo kataa wɔn so. Wɔmemem sɛ sumpii wɔ subunu no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Wode wo mframa huwii, ɛpo no kataa wɔn so; wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛse no mu.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 15:10
16 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa nyinaa a wɔne no wɔ adaka no mu nyinaa. Na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no ano brɛɛ ase.


Na ɔko no trɛɛ wɔ asase no nyinaa ani, na ɛdɔm no mu wɔn a wɔwuu kwaeɛ no mu dɔɔso sene wɔn a wɔwuu nkrantɛ ano da no.


Na ɛpo no nso, wopaee mu wɔn anim, maa wɔfaa ɛpo no mu, asase pɛsɛɛ so, na wɔn a wɔtii wɔn no deɛ, wotoo wɔn guu abunu no mu, sɛdeɛ wɔto ɔboɔ twene nsuo a emu dɔ mu.


Ɔma amununkum firi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutorɔ, ɔyi mframa firi ne korabea.


Ɔma n’asɛm nane no, ɔma ne mframa bɔ ma nsuo sene.


Na Mose tenee ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdanee po no maa no yɛɛ asase pɛsɛɛ, na nsuo no mu baee.


Ebunu akata wɔn so, wɔamem kɔ aseɛ tɔnn sɛ ɔboɔ.


Hwan na waforo akɔ soro na wasiane? Hwan na ɔkura mframa wɔ ne nsam? Hwan na ɔbɔ nsuo boaa, ntoma mu? Hwan na ɔde asase ano nyinaa sisi hɔ? Sɛ wonim a, ne din de sɛn? Na ne ba din de sɛn?


Na AWURADE bɛwe Misraim po mu nsuo korakora, na ɔde ne mframa a ɛhyehyeɛ bɛwoso ne nsa akyerɛ Asuo Eufrate so, na wabɔ no ama no adane nsuwansuwa nson a wɔde mpaboa mpo bɛfa mu.


Ɔma ne nne so a, nsuo pii ba ɔsoro, na ɔma suwisie tu firi asase ano nohoa. Ɔyɛ anyinam ka osuo ho, ɔtu mframa firi n’adekorabea.


Wɔteam hɔ sɛ: Misraimhene Farao asɛe; wama berɛ a ɛsɛ no atwam.


Na hwɛ, deɛ ɔnwonoo mmepɔ na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa deɛ ɛwɔ n’adwene mu no, deɛ ɔyɛ adekyehema esum, na ɔtiatia asase sorɔnsorɔmmea soɔ no, AWURADE, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Na ɛyɛɛ nnipa no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?


ne deɛ ɔyɛɛ Misraim dɔm ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam a wɔde reti mo a ɔmaa Mmɛwa Po mu nsuo bu faa wɔn soɔ, na AWURADE sɛee wɔn, de abɛduru nnɛ da yi,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios