Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 14:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na mɛpirim Farao akoma ama no ati wɔn, na mɛhyɛ m’anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfoɔ ahunu sɛ mene AWURADE. Na Israelfoɔ yɛɛ saa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na mɛpirim Farao akoma ama no ati wɔn, na mɛhyɛ m’anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfoɔ ahunu sɛ mene AWURADE. Na Israelfoɔ yɛɛ saa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na mɛsan apirim Farao koma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛe yi, sɛnea ɛbɛma manya anuonyam ne nidi wɔ Farao ne nʼasraafo mu na ama Misraimfo no nso ahu sɛ, mene Awurade no.” Enti wosii ntamadan wɔ faako a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na mɛsane mapirim Farao akoma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛeɛ yi sɛdeɛ ɛbɛma manya animuonyam ne anidie wɔ Farao ne nʼasraafoɔ mu na ama Misraimfoɔ no nso ahunu sɛ, mene Awurade no.” Enti, wɔsii ntomadan wɔ baabi a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na mepirim Farao koma ma watiw wɔn, na mɛhyɛ m'anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfo ahu sɛ mene AWURADE. Na wɔyɛɛ saa.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 14:4
36 Referencias Cruzadas  

Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofoɔ nyinaa so, na wohunuu sɛ wɔadi yɛn agyanom so ahantansɛm; na wogyee din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


na woaka deɛ meyɛeɛ wɔ Misraim ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyii no adie wɔ wɔn mu no wɔ wo ba ne wo ba ba aso mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Na AWURADE pirim Farao akoma, na wampɛ sɛ ɔma wɔkɔ.


Na ɔman no nyinaa bobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na Israelfoɔ sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no.


Na Misraimfoɔ tii wɔn, na wɔdii wɔn akyiri kɔɔ ɛpo no mfimfini, Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ nyinaa.


na ɔhwinhwan wɔn nteaseɛnam nan maa ne nanteɛ mu yɛɛ du. Na Misraimfoɔ no se: Momma yɛnnwane wɔ Israel anim, ɛfiri sɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn.


Na Farao bɛka no Israelfoɔ ho sɛ: Wɔrewɔ asase no so ntwɛtwɛdɛ, ɛserɛ aka wɔn atom.


Na wɔka kyerɛɛ Misraimhene sɛ ɔman no adwane kɔ. Na Farao ne ne nkoa akoma sakyerae wɔ ɔman no ho, na wɔse: Ɛdeɛn na yɛayɛ yi, sɛ yɛama Israel agyae yɛn som korɔ yi?


Na AWURADE pirim Misraimhene Farao akoma maa no tii Israelfoɔ no, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no de ahosɛpɛ kɛseɛ na ɛfiri kɔeɛ.


Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ Onyankopɔn ama mo, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn a ɔgyee mo firii Misraim nkoasom mu.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Yei na wode bɛhunu sɛ mene AWURADE: Hwɛ, mede poma a mekura yi merebɔ nsuo a ɛwɔ Nil mu, na ɛbɛdane mogya.


Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ adɔɔso Misraim asase so.


Na sɛ metene me nsa wɔ Misraim so na meyi Israelfoɔ firi wɔn mu a, na Misraimfoɔ bɛhunu sɛ mene AWURADE.


Nanso yei nti na mema wogyina hɔ, sɛ mɛyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.


Nanso me din nti, meyɛe na ɛho angu fi amanaman a wɔte wɔn mu no anim, wɔn a memaa wɔhunuu me wɔn ani so, sɛ mereyi wɔn afiri Misraim asase so.


na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, O Sidon, na mɛnya wo mu animuonyam, na sɛ meyɛ ne mu atemmudeɛ na meyi ne mu kronkronyɛ adi a, wɔahunu sɛ mene AWURADE.


ɛberɛ a mɛma Misraim asase ayɛ afo na asase no ada ne mayɛ ho mpan no, ɛberɛ a mɛkum wɔn a wɔte soɔ no nyinaa no, na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE.


na wobɛtu aba me man Israel so sɛ mununkum abɛkata asase no so. Nna a ɛdi akyire no, mede wo bɛba m’asase so, na amanaman ahu me, berɛ a meyi me kronkronyɛ adi wɔ wo ho, wɔn anim, O Gog!


na mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Na asase no so aman no nyinaa bɛsie wɔn, na ayɛ wɔn din, da a mɛnya animuonyam no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ɛno ne deɛ AWURADE kaa sɛ: Wɔn a wɔtwe pini me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho animuonyam.


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Onyankopɔn ama wɔn honhom a ɛtɔ nko, ani a wɔmmfa nnhunu adeɛ ne aso a wɔmmfa nnte asɛm de abɛduru nnɛ da yi.


Na atwerɛ no see Farao sɛ: Yei ara nti na mama wo so sɛ mɛyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.


Ɛnneɛ na deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔborɔ, na deɛ ɔpɛ na ɔma n’akoma yɛ den.


Na ɛfiri AWURADE, sɛ ɔpirim wɔn akoma sɛ wɔnkɔhyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasapasa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na mɛtwetwe Yabin safohempanin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios