Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 12:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na momfa no nsie nkɔduru bosome yi da a ɛtɔ so dunan; na Israel asafo mu no nyinaa nkɔku wɔn anwummerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na momfa no nsie nkɔduru bosome yi da a ɛtɔ so dunan; na Israel asafo mu no nyinaa nkɔku wɔn anwummerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yiye nkosi ɔsram a edii kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nguantenmma no ɔdasu mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yie nkɔsi ɔbosome a ɛdii ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nnwammaa no dasuo mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na momfa no nsie nkodu ɔsram yi da a ɛto so dunan; na Israel asafo mu no nyinaa nkunkum wɔn anwummere.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 12:6
34 Referencias Cruzadas  

Na Yosia dii Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem maa AWURADE, na wɔkumm Twam dwan no bosome a ɛdi kan no, da a ɛtɔ so dunan no so.


Na atukɔfoɔ no dii Twam no, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan so.


Na ɛda yi nyɛ mo nkaeɛ, na monhyɛ ho fa mma AWURADE, mo awoɔ ntoatoasoɔ mu; monyɛ no afahyɛ, daa atorɔmudeɛ.


Na monhyɛ apiti fa no, ɛfiri sɛ saa da yi ara na meyii mo dɔm no firii Misraim asase soɔ. Ɛno nti monni da yi mo awoɔ ntoatoasoɔ mu nyɛ no daa atorɔmudeɛ.


Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ no momfiri apiti die ase nkɔsi bosome no da a ɛtɔ so aduonu baako anwummerɛ.


Israel asafo nyinaa nyɛ saa.


Na wɔtu firii Elim, na Israelfoɔ asafo no nyinaa baa Sin serɛ a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Wɔfirii Misraim asase soɔ no, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dadu nnanum ne no.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Anwummerɛ mobɛdi nam, na anɔpa moadi aduane amee, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Da a Israelfoɔ sii mu firii Misraim asase soɔ no, ne bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa so pɛpɛɛpɛ na wɔduruu Sinai serɛ so.


Fa odwan ba no baako bɔ afɔdeɛ anɔpa, na fa odwan ba baako no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ;


Na adwammaa baako no, fa no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ, na yɛ no sɛ anɔpa aduane afɔdeɛ no ne ɛho ahwiesa no, na ɛnyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so.


Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no monni Twam Afahyɛ no. Monnni paanoo a ɛntuiɛ nnanson.


Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ yɛ AWURADE twam;


Na bosome a ɛdi kan da a ɛtɔ so dunan no yɛ AWURADE Twam.


Da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara;


Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunan anwummerɛ na wɔnnie; apiti ne ɛfan nwononwono na wɔmfa nnie:


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no tuu nkurɔfoɔ akuakuo no aso sɛ wɔnsrɛ Baraba, na wɔnkum Yesu.


Na ɔman mu no nyinaa buaa sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so.


Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa tuu agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔ kɔhyɛɛ Pilato nsa.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwanyann nkurɔfokuo no mu sɛ wɔmma ɔnnyaa Baraba mmom mma wɔn.


Na ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.


Na nkurɔfokuo no kɔ kɔfitii aseɛ srɛɛ no dendeenden, sɛ ɔnyɛ sɛdeɛ ɔyɛ ma wɔn daa no.


Ɛnna nnipakuo no nyinaa sɔre de no kɔɔ Pilato anim.


Na wɔn nyinaa teaa mu prɛko sɛ: Fa oyi kɔ, na gyae Baraba ma yɛn!


ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no.


Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo.


Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


Na Israelfoɔ no kyeree nsraban Gilgal, na wɔdii Twam no, bosome no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Yeriko mpaperɛ so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios