Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 12:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na sɛ efie no mufoɔ nnɔɔso sɛ wɔbɛdi adwammaa a, ma no ne deɛ ɔne no bɔ fipam mfa bi, sɛdeɛ akra no dodoɔ teɛ. Monkan adwammaa so nnipa sɛdeɛ ɛbɛso wɔn die.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na sɛ efie no mufoɔ nnɔɔso sɛ wɔbɛdi adwammaa a, ma no ne deɛ ɔne no bɔ fipam mfa bi, sɛdeɛ akra no dodoɔ teɛ. Monkan adwammaa so nnipa sɛdeɛ ɛbɛso wɔn die.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe oguamma no a, wotumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn wɔ mpɔtam hɔ a wɔn nso sua kyɛ oguamma no. Aboa no kyɛ wɔ saa kwan no so no gyina abusua no kɛse ne nam dodow a wobetumi awe so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe odwammaa no a, wɔtumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn wɔ mpasua no so a wɔn nso sua kyɛ odwammaa no. Aboa no kyɛ wɔ saa ɛkwan no so no gyina abusua no kɛseɛ ne ɛnam dodoɔ a wɔbɛtumi awe so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na sɛ ofi no mufo nnɔɔso sɛ wobedi oguammaa a, ma ɔne nea ɔne no bɔ fipam mfa bi, sɛnea akra no dodow te. Monkenkan oguammaa so nnipa, sɛnea ɛbɛso wɔn di.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 12:4
4 Referencias Cruzadas  

Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnɛ, mɛhunu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte deɛ mɛdie ne deɛ mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nne bio anaa? Na adɛn nti na wo somfoɔ nkɔ so nyɛ adesoa mma me wura ɔhene?


Monka nkyerɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: Bosome yi da a ɛtɔ so du no, wɔmfa nnwammaa mmaako mmaako, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teteɛ; efie baako adwammaa baako.


Adwammaa a ɔnni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nnwanten anaa mmirekyie mu.


Na asuafoɔ no kɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios