Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 12:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron, na da a ɛtɔ so nson no nso monhyia nhyia kronkron. Wɔnnyɛ adwuma biara wɔ mu, gye deɛ obiara bɛdie nko ho adwuma na monyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron, na da a ɛtɔ so nson no nso monhyia nhyia kronkron. Wɔnnyɛ adwuma biara wɔ mu, gye deɛ obiara bɛdie nko ho adwuma na monyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Afahyɛ no da a edi kan ne ne nnanson so no, nnipa no nyinaa bedi da no sɛ da a wɔayi asi hɔ ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduannoa akyi no, obiara nnyɛ adwuma foforo biara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan ne ne nnanson soɔ no, nnipa no nyinaa bɛdi ɛda no sɛ ɛda a wɔayi asi hɔ ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduanenoa akyiri no, obiara nnyɛ adwuma foforɔ biara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na da a edi kan no munhyia nhyia kronkron, na da a ɛto so ason no nso munhyia nhyia kronkron. Wɔnnyɛ adwuma biara wɔ mu, gye nea obiara bedi nko ho adwuma na monyɛ.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 12:16
21 Referencias Cruzadas  

Da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara;


Na da a ɛtɔ so nson no, monhyia nhyia kronkron. Monnyɛ adwumaden biara.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ AWURADE aka nie: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wɔdi ma AWURADE, monto deɛ mowɔ to, na monnoa deɛ mowɔ noa; na deɛ ɛbɛka no, momfa nsie nkɔsi anɔpa.


Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara na monhyɛ fa nnanson mma AWURADE.


Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɛnyɛ mo totorobɛntohyɛn da.


Da a ɛdi kan no yɛ nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara.


Bosome a ɛtɔ so nson yi ara da a ɛtɔ so du ne mpata da; monhyia nhyia kronkron, na mommrɛ mo ho ase na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE.


Na monhyia da no ara; ɛnyɛ mo nhyia kronkron, monnyɛ adwuma den biara. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo tenabea nyinaa mu, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babaa, w’akoa ne w’afenaa ne wo mmoa ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo fie apono mu.


Monhwɛ, sɛ AWURADE ama mo homeda nti na da a ɛtɔ so nsia no ɔma mo nnanu aduane; montenatena mo afie mu; mma obiara mmfiri adi mmfiri ne tenabea da a ɛtɔ so nson no.


Na da a ɛtɔ so nsia no, wɔresiesie deɛ wɔfa no a, nyɛ deɛ wɔtase daa no mmɔho.


Nso na da no yɛ Ahosiesie da, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na amu no renka asɛnnua no so homeda, ɛfiri sɛ, na saa homeda no yɛ da kɛseɛ nti, Yudafoɔ no bɛsrɛɛ Pilato sɛ wɔnkɔbubu wɔn nnyawa na wɔnyi wɔn.


Di apiti nnapɔnna no: Nnanson na di apiti, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, bosome Abib mu, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na wofiri Misraim baeɛ.


Nnansia na di apiti, na da a ɛtɔ so nson no nyɛ afahyɛ nhyiam mma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara.


Monnkɔ so mfa ayɛyɛdeɛ hunu mmma; aduhwam yɛ me akyiwadeɛ. Ɔsrane foforɔ ne homeda ne edwa a mobɔ no, mentumi nhwɛ amumuyɛ ne nhyiam kronkron.


Na sɛ mo adapɛn afahyɛ duru a, aduanekan da a mode mo aduane foforɔ afɔdeɛ rebrɛ AWURADE no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios