Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 12:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Na metwa mu afa Misraim asase so anadwo yi na mmabarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mekum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, efisɛ mene Awurade!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Na mɛtwam afa Misraim asase so anadwo yi na mmammarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mɛkum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ, mene Awurade!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na merebetwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, efi nnipa so kosi mmoa so, na mebu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 12:12
26 Referencias Cruzadas  

Na wɔgyigyaa wɔn anyame wɔ hɔ. Na Dawid ka maa wɔde ogya hyeeɛ.


Ɔkum Misraim mmakan firi nnipa so kɔsii mmoa so.


Onyankopɔn gyina Nyankopɔn asafo mu, ɔbu atɛn anyame ntam.


Me deɛ, maka sɛ: Moyɛ anyame, na mo nyinaa yɛ ɔsorosoroni no mma,


Apem totɔ wo nkyɛn na ɔpedu totɔ wo nifa a, wo deɛ, ɛrenka wo.


Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛseɛ ne ɔhenkɛseɛ, anyame nyinaa so.


Ɛfiri sɛ AWURADE bɛtwam abobɔ Misraimfoɔ, na sɛ ɔhunu mogya no wɔ aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho a, AWURADE bɛsiane pono no ho, na ɔremma ɔsɛefoɔ no kwan mma ɔmma mo afie mmɛbobɔ mo.


Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


ɛnneɛ ne wura no mfa no mmra Nyankopɔn anim, na ɔmfa no mmra ɛpono ho anaa aponnwa ho, na ne wura no mfa fitiiɛ mfiti n’aso mu, na ɔnsom no daa.


Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panin nso, nnome no.


Na Onyankopɔn ne Mose kasae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE,


Na adeɛ kyeeɛ no, AWURADE yɛɛ saa adeɛ no, na Misraim mmoa nyinaa wuwui, na Israel mmoa no mu baako mpo anwu.


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim, na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu.


Na mɛto Misraim anyame afie mu gya, na wahye wɔn asoa wɔn nnommum, na wafira Misraim asase, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ fira ne ntoma, na wafiri hɔ asomdwoeɛ mu akɔ.


Na ɔbɛbubu Bet-semes adum a ɛwɔ Misraim asase soɔ no, na ɔde ogya ahye Misraim anyame afie no.


Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Hwɛ, mereba mabɛtwe Amon a ɔwɔ Tebes no aso, ne Farao ne Misraim ne ɛso anyame ne ɛso ahemfo ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ no,


Na mɛgya wɔn mu nnipa kakraa bi afiri nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, deɛ ɛbɛyɛ na wɔaka wɔn akyiwadeɛ no nyinaa, amanaman a wɔkɔ hɔ no mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Na adwotwa wɔ bobe nturo nyinaa mu, ɛfiri sɛ mɛsane mafa wo mu, AWURADE na ɔseɛ.


AWURADE ho bɛyɛ wɔn hu, ɛfiri sɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara bɛfiri ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no.


na Misraimfoɔ resie wɔn mmakan a AWURADE kunkumm wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn.


Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.


Enti monyɛ mo mpɔmpɔ no nsɛsoɔ ne mo nkura a wɔsɛe mo asase no nsɛsoɔ, na momfa animuonyam mma Israel Nyankopɔn: Ebia ne nsa bɛyɛ hare afiri mo ne mo anyame ne mo asase so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios