Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 12:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na sɛdeɛ monni no nie: Monkyekyere mo asene, na mo mpaboa nhyehyɛ mo nan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na monni no herɛ so: Ɛyɛ AWURADE twam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na sɛdeɛ monni no nie: Monkyekyere mo asene, na mo mpaboa nhyehyɛ mo nan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na monni no herɛ so: Ɛyɛ AWURADE twam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Sɛnea monwe nam no ni: monwe wɔ bere a mo ntade a mode tu kwan hyehyɛ mo. Munsiesie mo ho mma ɔkwan tententwa. Monhyɛ mo mpaboa na momfa mo pema nkurakura. Monwe no ntɛmntɛm. Saa nneyɛe yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Sɛdeɛ monwe ɛnam no nie: monwe wɔ ɛberɛ a mo ntadeɛ a mode tu ɛkwan hyehyɛ mo. Monsiesie mo ho mma ɛkwan tenten twa. Monhyɛ mo asopatere na momfa mo mpoma nkurakura. Monwe no ɔherɛ so. Saa adeyɛ yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na sɛnea munni no ni: Monkyekyere mo asen, na mo mpaboa nhyehyɛ mo anan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na munni no hare so. Ɛyɛ AWURADE twam.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 12:11
21 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene hyɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Monni Twam mma AWURADE mo Nyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no apam nwoma yi mu no.


Na mogya no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mo, afie a mowowɔ mu no mu, na sɛ mehunu mogya no a, masiane mo ho, na merebɔ Misraim asase a, ɔyaredɔm biara amma mo so ammɛsɛe mo.


Ɛnna Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyiyi nnwan mfa, sɛdeɛ mo mmusua teɛ, na monkum twam aboa no.


monka sɛ: Ɛyɛ twam afɔdeɛ a yɛbɔ ma AWURADE a ɔsianee Israelfoɔ afie ho wɔ Misraim, ɛda a ɔbobɔɔ Misraimfoɔ na ɔyii yɛn afie firii mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Yei ne twam no ho ahyɛdeɛ: Ɔnanani biara nnni bi.


Na ɛnyɛ ɛherɛ so na mobɛfiri adie, na ɛnyɛ dwane so na mobɛnanteɛ, na AWURADE redi mo anim, na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm.


Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no monni Twam Afahyɛ no. Monnni paanoo a ɛntuiɛ nnanson.


Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ yɛ AWURADE twam;


Na bosome a ɛdi kan da a ɛtɔ so dunan no yɛ AWURADE Twam.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai serɛ so, wɔn Misraim asase so fire afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan no mu sɛ:


Mommɔ abɔsoɔ, na momma mo akanea nnɛre;


Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atadeɛ a ɛyɛ no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan;


Na n’awofoɔ kɔ Yerusalem daa afirinhyia Twam afahyɛ ase.


na ɔbɛgyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ɔfirii aseɛ de nisuo no fɔɔ ne nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ho, na ɔfee ne nan ho, na ɔde ngo hwamhwam no sraa ho.


Enti monyi mmɔreka dada no, na moayɛ mmɔre foforɔ sɛdeɛ moyɛ apiti no. Ɛfiri sɛ wɔakum yɛn Twam dwan Kristo no nso.


na momfa asomdwoeɛ asɛmpa no ho ahodasoɔ nhyehyɛ mo nan,


Hwɛ bosome Abib na di Twam ma AWURADE wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na AWURADE wo Nyankopɔn yii wo firii Misraim anadwo.


Na Israelfoɔ no kyeree nsraban Gilgal, na wɔdii Twam no, bosome no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Yeriko mpaperɛ so.


Enti mommɔ mo adwene mu abɔsoɔ, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyie mu no so koraa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios