Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 10:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Mose tenee ne poma no wɔ Misraim asase so, na AWURADE maa apueeɛ mframa bɔ faa asase no so da no nyinaa ne anadwo no nyinaa. Na adeɛ kyeeɛ no, apueeɛ mframa no de ntutummɛ no bae.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na Mose tenee ne poma no wɔ Misraim asase so, na AWURADE maa apueeɛ mframa bɔ faa asase no so da no nyinaa ne anadwo no nyinaa. Na adeɛ kyeeɛ no, apueeɛ mframa no de ntutummɛ no bae.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Enti Mose maa ne pema so kyerɛɛ Misraim asase so maa Awurade bɔɔ mframa bi fii apuei fam awia ne anadwo. Ade kyee no, na apuei mframa no de mmoadabi no abegu asase no so nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Enti Mose maa ne poma so kyerɛɛ Misraim asase so maa Awurade bɔɔ mframa bi firii apueeɛ fam awia ne anadwo. Adeɛ kyeeɛ no, na apueeɛ mframa no de ntutummɛ no abɛgu asase no so nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na Mose teɛɛ ne poma wɔ Misraim asase so, na AWURADE maa apuei mframa bɔ faa asase no so da no nyinaa ne anadwo no nyinaa. Na ade kyee na apuei mframa no de mmoadabi no aba.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 10:13
11 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, mmɛtem nson nkorowankorowa a apueeɛ mframa akusa no fifiri dii akyire bae.


Ɔkasae, na ntutummɛ bae ne mmɛbɛ a wɔn dodoɔ nni ano,


ogya ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne huruhuro, ahum a ɛyɛ deɛ n’asɛm seɛ:


Ɔmaa apueeɛ mframa bɔe ɔsoro, na ɔde ne tumi twee anafoɔ mframa bae,


Ɔde wɔn nnɔbaeɛ maa mmɛbɛ, na ɔde wɔn adwumadeɛ maa ntutummɛ.


Na Mose tenee ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdanee po no maa no yɛɛ asase pɛsɛɛ, na nsuo no mu baee.


Ntutummɛ nni hene, nanso wɔn nyinaa firi nam akuakuo.


Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe wɔ ɛpo no so, na ahum kɛseɛ tui wɔ ɛpo no so, na ɛhyɛn no yɛɛ sɛdeɛ ɛrebɛbɔ.


Na ɛbaa sɛ owia pueeɛ no, Onyankopɔn siesiee apueeɛ mframa a emu yɛ hyeɛ, na owia bɔɔ Yona atifi maa no tɔɔ piti. Na ɔsrɛɛ sɛ anka ɔnwu, na ɔse: Owuo yɛ ma me sene nkwa.


Na ɛyɛɛ nnipa no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios