Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 1:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔteɛ ne ntaayaa ho adwuma a ɛyɛ den ne afuom adwumayɛ ahodoɔ ne nnwuma ahodoɔ nyinaa mu nyadie yaya a wɔde dii wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔteɛ ne ntaayaa ho adwuma a ɛyɛ den ne afuom adwumayɛ ahodoɔ ne nnwuma ahodoɔ nyinaa mu nyadie yaya a wɔde dii wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfo no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔte ho adwuma a ɛyɛ den ne mfum nnwuma ahorow. Eyinom nyinaa akyi no Misraimfo faa akwan bebree so daa atirimɔden adi kyerɛɛ Israelfo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfoɔ no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔteɛ ho adwuma a ɛyɛ den ne mfuom nnwuma ahodoɔ. Yeinom nyinaa akyiri no Misraimfoɔ yɛɛ atirimuɔden akwan bebree so kyerɛɛ Israelfoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 na wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔte ne ntayaa ho adwuma den ne afum adwumayɛ ahorow nyinaa, ne nnwuma horow nyinaa mu nyadi yawyaw a wɔde dii wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 1:14
30 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hunu ampa ara sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so, na wɔayɛ nkoa na wɔasom, na wɔbɛha wɔn mfirinhyia ahanan.


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmeranteɛ no tuu no foɔ no, sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so. M’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.


Wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase, ma Israel nka ɛ,


Motete nnwammuo ntam a, ɛte sɛ aburuburo ntaban a wɔde dwetɛ agu ho, ne ne ntakra a sika fɛfɛ hran ho.


Meyii ne mmatiri firii adesoa ase, ne ne nsa firii kɛntɛn ho;


Na wɔsisii wɔn so adwumayɛfoɔ so mpanimfoɔ sɛ wɔmfa nnesoadeɛ a emu yɛ duro nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkuro Pitom ne Raamses maa Farao.


Na wɔde nyadie yaya dii Israelfoɔ.


Na Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ awogyefoɔ a wɔn mu baako din de Sifra, na ɔbaako din de Pua no sɛ:


Na nna dodoɔ yi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene wui. Na nkoasom no nti Israelfoɔ no sii apini, na wɔsu frɛe, na wɔn sufrɛ no kɔduruu Nyankopɔn anim.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.


Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfoɔ no; nanso ahometeɛ ne nkoasom denden no nti wɔantie no.


Ɔbɔnefoɔ a ɔdi ɔman mmɔborɔfoɔ soɔ te sɛ gyata a ɔbobom ne sisire a n’ani abereɛ.


Ne saa nti, sɛdeɛ asafo AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me man a wɔte Sion, monnsuro Asiria. Abaa na ɔde bɛhwe woɔ, na ne poma na ɔbɛma so wo soɔ, sɛ Misraim deɛ no;


ɔde abufuhyeɛ bobɔɔ aman ɔbɔ a ɛnnyaeɛ, ɔde abufuo hom amanaman so hyɛɛ wɔn ahometeɛ a emu ngoɔ.


Na mede mahyɛ w’ahafoɔ no nsa, wɔn a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Koto, na yɛmfa wo so; na wode w’akyiri too hɔ sɛ fam anaasɛ kwan maa wɔn sɛ wɔmfa so.


Na afei, ɛdeɛn na mewɔ meyɛ no ha, AWURADE asɛm nie, na wɔafa me man kwa yi? Wɔn a wɔdi wɔn soɔ no twa adwo, AWURADE asɛm nie, na wɔka me din ho abususɛm daa daa nyinaa.


Ɛnyɛ yei ne abuadadie a mepɛ? Sɛ mobɛsanesane abɔnefoɔ apɔ, ahotiri kɔnnua nhoma, ama wɔn a wɔhom wɔn soɔ no afa wɔn ho akɔdie, na moabubu kɔnnua nyinaa?


Mfa nyadie nhyɛ no so, na suro wo Nyankopɔn.


na moagya wɔn ama mo mma wɔ mo akyi ayɛ wɔn awunnyadeɛ ne adeɛ a wɔdi so daa, na wɔnsom mo nkoasom; na mo nuanom Israelfoɔ deɛ, obiara mmfa nyadie nnhyɛ ne nua so.


Ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani deɛ afe afe: Ɔmmfa nyadie nnhyɛ no so wɔ w’anim.


na mo na moadi me man nam, na moaworɔ wɔn wedeɛ afiri wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kukuo mu adeɛ, ne ɛsɛn mu nam.


Sesa nsuo sie ma ntua no, miamia w’abandenden mu! Tia dɔteɛ mu wɔ ɛboɔ, miamia ntaayaa fononoo no mu.


sɛ yɛn nananom siane kɔɔ Misraim, na yɛtenaa Misraim nna bebree, na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn ne yɛn nananom bɔne;


Ɔno na ɔde aniteɛ hyɛɛ yɛn nkurɔfoɔ soɔ, na ɔyɛɛ yɛn agyanom bɔne, na ɔmaa wɔtotoo wɔn mma nkɔkoaa gui, na ama wɔannya nkwa.


Hunu na mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na mate n’apinisie, na masiane sɛ merebɛgye wɔn; na afei bra na mensoma wo, na kɔ Misraim!


na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn bɔne na wɔhyɛɛ yɛn so na wɔde ɔsom denden too yɛn so;


Na mo deɛ, AWURADE na wayi mo afiri dadeɛ fononoo mu, afiri Misraim sɛ mommɛyɛ n’agyapadeɛ sɛdeɛ moteɛ nnɛ da yi.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfrɛ me Naomi, na momfrɛ me Mara, ɛfiri sɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwononwono so sɛ!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios