2 Berɛsosɛm 9:1 - New Revised Asante Twi Bible1 Na Seba hemmaa tee Salomo nka no, ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Na ɔne asafo yuu pa ne yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika pii pa, ne abohene baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron1 Na Seba hemmaa tee Salomo nka no, ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Na ɔne asafo yuu pa ne yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika pii pa, ne abohene baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm1 Bere a Seba hemmea tee Salomo nka no, ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde nsɛm a anoyi yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Ɔne nʼasomfo bebree, yoma pii a wɔahyehyɛ nnuhuam, sikakɔkɔɔ bebree ne mpempranne wɔ wɔn so na ɛbae. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm1 Ɛberɛ a Seba Ɔhemmaa tee Salomo nka no, ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde nsɛm a anoyie yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Ɔne nʼasomfoɔ bebree, nyoma pii a wɔahyehyɛ nnuhwam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔdemmoɔ wɔ wɔn so na ɛbaeɛ. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON1 Na Seba hemmaa tee Solomon nka, na ɔbae sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Na ɔne asafo yuu pa ara ne yoma a wɔsoso nnuhuam ne sika pii ne abohene baa Yerusalem. Na oduu Solomon nkyɛn no, ɔne no bɔɔ nea ɛwɔ ne komam nyinaa ho nkɔmmɔ. Ver Capítulo |