Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 7:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, na afɔrebukyia no dwira, wɔdii no nnanson, ne nnapɔnna no nso, nnanson.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, na afɔrebukyia no dwira, wɔdii no nnanson, ne nnapɔnna no nso, nnanson.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Da a ɛto so awotwe no, wɔde afahyɛ no kɔɔ nʼawie, efisɛ na wɔde nnanson abue afɔremuka no ano na wɔde nnanson nso adi Guankɔbea Afahyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔde afahyɛ no kɔɔ nʼawieeɛ, ɛfiri sɛ na wɔde nnanson abue afɔrebukyia no ano na wɔde nnanson nso adi Dwanekɔbea Afahyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɛda a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiam, na afɔremuka no dwira, wodii no nnansɔn, ne nnapɔnna no nso, nnansɔn.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 7:9
10 Referencias Cruzadas  

Na Israel mmarima nyinaa bɛhyiaa Ɔhene Salomo nkyɛn bosome Etanim a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nson (a ɛte sɛ Ahinime) no mu nnapɔnna no mu.


Na Salomo dii nnapɔnna no ɛberɛ no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ, wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat de bɛsi Misraim subonhwa ano, wɔdii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnanson.


Na badwa no nyinaa penee so, sɛ wɔbɛdi Twam no nnanson foforɔ nso, na wɔde anigyeɛ dii nnanson no bio.


Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔɔ wɔn afie. Na wɔn ani gyee na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, adepa a AWURADE ayɛ Dawid ne Salomo ne ne man Israel no nti.


Nso wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no mu daa, firii da a ɛdi kan no so ara de bɛsii da a ɛdi akyire no so. Na wɔdii nnapɔnna nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.


Nnanson na pata afɔrebukyia no soɔ yɛ no kronkron, na afɔrebukyia no ayɛ akronkronneɛ mu kronkron; obiara a ɔka afɔrebukyia no nyɛ kronkron.


Monyɛ abuadadie kronkron, mompae asɔfoɔ nhyiamu, mommoa mpanimfoɔ ano, asase sofoɔ nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fie, na monsu mfrɛ AWURADE.


Nnanson na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE; da a ɛtɔ so nwɔtwe no nyɛ mo nhyia kronkron, na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE; ɛyɛ afahyɛ awieeɛ, monnyɛ adwumaden biara.


Na mmapɔmma no de afɔrebukyia no adwiradeɛ bae, da a wɔsraa no ngo no; na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa afɔrebukyia no anim.


Nnansia na di apiti, na da a ɛtɔ so nson no nyɛ afahyɛ nhyiam mma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios