Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 7:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛberɛ no mu no, Salomo dii nnapɔnna no nnanson, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ pa ara a wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat kɔsi Misraim subonhwa ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Ɛberɛ no mu no, Salomo dii nnapɔnna no nnanson, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ pa ara a wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat kɔsi Misraim subonhwa ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Solomo dii Guankɔbea Afahyɛ toaa so nnanson na nnipadɔm fifi Israel mmusuakuw no nyinaa mu bae. Wofifi akyirikyiri te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kosi Misraim asuwa anafo fam no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nnanson a ɛdi soɔ no mu, wɔdii Dwanekɔbea Afahyɛ, na nipadɔm fifiri Israel mmusuakuo no nyinaa mu baeɛ. Wɔfifiri akyirikyiri te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kɔsi Misraim asuwa anafoɔ fam no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛbere no mu no, Solomon dii nnapɔnna no nnansɔn, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛse pa a wofi nea wɔrekɔ Hamat kosi Misraim subon ano.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 7:8
19 Referencias Cruzadas  

Da no ara na AWURADE ne Abram yɛɛ apam sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi mama wɔn ɛfiri Misraim asubɔnten ho de kɔsi asubɔnten kɛseɛ, Eufrate asubɔnten ho:


Na Israel mmarima nyinaa bɛhyiaa Ɔhene Salomo nkyɛn bosome Etanim a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nson (a ɛte sɛ Ahinime) no mu nnapɔnna no mu.


Na Salomo dii nnapɔnna no ɛberɛ no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ, wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat de bɛsi Misraim subonhwa ano, wɔdii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnanson.


Na nkurɔfoɔ bebree boaa wɔn ano wɔ Yerusalem sɛ wɔrebɛdi apiti nnapɔnna no bosome a ɛtɔ so mmienu no so, badwa kɛseɛ pa ara.


Na anigyeɛ kɛseɛ baa Yerusalem; anigyeɛ a ɛfiri Dawid ba Salomo berɛ so ebi mmaa Yerusalem saa da.


Na Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ano baa ɔhene nkyɛn afahyɛ a ɛwɔ nnapɔnna a ɛne bosome a ɛtɔ so nson no mu.


Bosome a ɛtɔ so nson da a ɛtɔ so dunum no, afahyɛ no mu no, ɔnyɛ sei ara nnanson, sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne ngo nso deɛ.


Na ɛhyeɛ a ɛda atɔeɛ fam ne ɛpo kɛseɛ no firi ɛhyeɛ no ano ara kɔsi Hamat ntentensoɔ; ɛne ɛhyeɛ a ɛdi atɔeɛ no.


Na hwɛ, merema ɔman bi asɔre atia mo, Israel fie, AWURADE, asafo Nyankopɔn asɛm nie, na wɔabɛha mo afiri deɛ wɔfa kɔ Hamat akɔsi mpaperɛ so subonhwa Araba no ano.


Na Yudafoɔ Asesebɔ afahyɛ abɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios