Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 7:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na asɔfoɔ no antumi anhyɛne AWURADE dan no mu, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam no ayɛ AWURADE dan no ma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na asɔfoɔ no antumi anhyɛne AWURADE dan no mu, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam no ayɛ AWURADE dan no ma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Asɔfo no mpo antumi anhyɛn Awurade Asɔredan no mu, efisɛ na Awurade anuonyam ahyɛ hɔ ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Asɔfoɔ no mpo antumi anhyɛne Awurade Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, na Awurade animuonyam ahyɛ hɔ ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na asɔfo no antumi anhyɛn AWURADE dan no mu, efisɛ AWURADE anuonyam no ayɛ AWURADE dan no ma.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 7:2
7 Referencias Cruzadas  

Na asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ firii adie no, mununkum bɛhyɛɛ AWURADE dan no ma.


Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwontofoɔ no yɛɛ sɛ ɔbaakofoɔ maa wɔtee ɛnne baako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase), na wɔde ntotorobɛnto ne nnawuro ne nsankuo maa nne so yii AWURADE ayɛ sɛ, “ɔyɛ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa” no, ɛnna mununkum yɛɛ ɛdan no, AWURADE dan no ma,


na mununkum no nti asɔfoɔ no antumi annyina ansom, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam ayɛ ɛdan no ma.


AWURADE, medɔ wo fie tenabea ne faako a w’animuonyam teɛ.


Na wɔhwɛ AWURADE animuonyam no a, na ɛte sɛ ogya a ɛrehye adeɛ wɔ bepɔ no atifi wɔ Israelfoɔ no anim.


Ɛnna mekaa sɛ: Mennue, na mayera; na meyɛ onipa a m’ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu, ɛfiri sɛ Ɔhene, asafo AWURADE, na m’ani ahu no yi!


Na wisie a ɛfiri Nyankopɔn animuonyam ne ne tumi no mu hyɛɛ asɔredan no ma, na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ wɔwiee abɔfoɔ baason no ɔhaw mmusuo nson no ansa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios