Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 7:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya firi soro ba bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no, na AWURADE animuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya firi soro ba bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no, na AWURADE animuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya fi ɔsoro bɛhyew ɔhyew afɔre ne afɔrebɔde no, na Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Salomo wiee ne mpaeɛbɔ no, ogya firi ɔsoro bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ, na Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Solomon wiee mpaebɔ no, ogya fi soro bɛhyew ɔhyew afɔre ne okum afɔre no, na AWURADE anuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 7:1
26 Referencias Cruzadas  

Na owia tɔeɛ na esum kusuu duruiɛ no, hwɛ, biribi a ɛte sɛ gyaframa a ɛrefiri wisie ne tɛnee a ɛredɛre bɛfaa afaafa no ntam.


Na mommɔ mo nyame din, na me nso memmɔ AWURADE din, na onyame a ɔde ogya bɛgye soɔ no, ɔno ne Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Ɔsɛmpa!


Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne nnyina no ne aboɔ ne dɔteɛ no, na ɛwee nsuo a ɛwɔ ɛka no mu no.


Na Salomo wiee AWURADE fie ne ahemfie no sie, ne deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔsie nyinaa yɛ no,


Na Dawid sii hɔ afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya firii soro gyee no so ɔhyeɛ afɔrebukyia no so.


AWURADE, medɔ wo fie tenabea ne faako a w’animuonyam teɛ.


Na wisie kataa Sinai bepɔ no so nyinaa, ɛfiri sɛ na AWURADE nam ogya mu asiane aba so, na ne wisie no tu kɔɔ soro sɛ fononoo mu wisie, na bepɔ no nyinaa wosoo biribiri.


Na ɛhɔ na me ne Israelfoɔ bɛhyia, na wɔafa m’animuonyam so ayɛ kronkron.


Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so; wɔda so rekasa no, mɛtie.


Na honhom no maa me so de me baa abannwa a ɛwɔ mu no so, na hwɛ, AWURADE animuonyam no ayɛ efie no ma.


Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so de me baa asɔredan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam de m’anim butui.


Na meda so merekasa na merebɔ mpaeɛ na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotosrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔ kronkron,


ɛno ansa na Yuda ne Yerusalem ayɛyɛdeɛ bɛsɔ AWURADE ani sɛ tete nna ne kane mfeɛ no.


Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm.


Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no.


Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no tenee poma a ɛkura ne nsam no de ano kaa ɛnam ne apiti no, na ogya firi ɔboɔ no mu bɛhyee nam ne apiti no. Na AWURADE bɔfoɔ no firii n’anim kɔe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios