Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 5:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na wɔwiee adwuma a Salomo yɛ maa AWURADE fie no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ no bae, na ɔde dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no nyinaa bɛsiee Nyankopɔn fie akoradeɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na wɔwiee adwuma a Salomo yɛ maa AWURADE fie no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ no bae, na ɔde dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no nyinaa bɛsiee Nyankopɔn fie akoradeɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Salomo wiee Awurade Asɔredan no si ho dwumadi no, ɔde akyɛde a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no bae. Wɔkoraa eyinom nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Salomo wiee Awurade Asɔredan no sie ho dwumadie no, ɔde akyɛdeɛ a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no baeɛ. Wɔkoraa yeinom nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na wowiee adwuma a Solomon yɛ maa AWURADE fi no nyinaa. Na Solomon de n’agya Dawid akronkronne no bae, na ɔde dwetɛ ne sika ne nnwinne no nyinaa besiee Onyankopɔn fi akorade no mu.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 5:1
7 Referencias Cruzadas  

Ɛno nso na Ɔhene Dawid de yɛɛ akronkronneɛ maa AWURADE, sɛ dwetɛ ne sika a ɛfiri amanaman a ɔbrɛɛ wɔn aseɛ no nyinaa mu a ɔde yɛɛ akronkronneɛ no,


Na ɔde nnaka no nnum sisii ɛdan no anafoɔ fam, na ɔde nnum sisii atifi fam; na ɛpo no deɛ, ɔde sii ɛdan no anafoɔ fam, apueeɛ a ɛkyerɛ anafoɔ fam no.


Na wɔwiee adwuma a Ɔhene Salomo yɛɛ no AWURADE fie ho no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ, dwetɛ ne sika ne nnoɔma nnoɔma no, baa mu de bɛsiee AWURADE fie akoradeɛ mu.


Ɛnonom nso na Ɔhene Dawid yɛɛ no kronkron maa AWURADE. Na ɔhyiraa dwetɛ ne sika a ɔkɔsoa firii amanaman no nyinaa Edomfoɔ, Moabfoɔ ne Amon mma ne Filistifoɔ ne Amalekfoɔ mu no so.


Na hwɛ, m’amaneɛ mu no, masiesie AWURADE fie no ho sika dwetikɛseɛ mpemha ne dwetɛ dwetikɛseɛ ɔpepem, na kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ deɛ, ɛnni nkariiɛ, ɛfiri sɛ ɛdɔɔso pii pa, na nnua ne aboɔ nso, masiesie, na wode ebi aka ho.


Na adumgya, nkoraa, aduhwam nkukuwa ne nsramma kukuwa no nso yɛ sika amapa kronkron, na ɛdan no ano apono a ɛwɔ emu fam kronkronkronbea ho no ne asɔrefie dan no apono no yɛ sika.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios