Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 4:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔyɛɛ asɔfoɔ abannwa ne ban mu adihɔ kɛseɛ no, na ɔde apono sisii adihɔ no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa apono no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔyɛɛ asɔfoɔ abannwa ne ban mu adihɔ kɛseɛ no, na ɔde apono sisii adihɔ no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa apono no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Salomo sii adiwo maa asɔfo no, san sii adiwo kɛse bi wɔ Asɔredan no mfikyiri. Ɔyɛɛ apon totoo adiwo akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafrae duraa ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Salomo sii adihɔ maa asɔfoɔ no, sane sii adihɔ kɛseɛ bi wɔ Asɔredan no mfikyire. Ɔyɛɛ apono totoo adihɔ akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔyɛɛ asɔfo abangua ne ban mu adiwo kɛse no, na ɔde apon sisii adiwo no ano, na ɔde kɔbere duraa apon no ho.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 4:9
6 Referencias Cruzadas  

Na ɔyɛɛ emu fam abannwa no, aboɔ a wɔasensene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne tweneduro mpuna kyerɛpɛn baako.


Na abannwa kɛseɛ a ɛtwa hyia no yɛ aboɔ a wɔasene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne ntweneduro mpuna kyerɛpɛn baako; na AWURADE fie no mu fam abannwa no ne ɛdan no abrannaa no te saa ara.


Na ɔsisii afɔrebukyia maa ɔsoro asafo nyinaa AWURADE fie abannwa mmienu no so.


Na ɔsisii afɔrebukyia memaa ɔsoro asafo nyinaa, AWURADE fie abannwa mmienu no so.


Na yɛ tenabea no adihɔ: Na adihɔ ntwamutam a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwono a ne tentene yɛ basafa aduonum nni hɔ wɔ fa baako wɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa,


Na ɔwiee dan a ɛwɔ mu no susuo no, ɔde me firii adi faa ɛpono kɛseɛ a ani hwɛ apueeɛ fam no kwan so, na ɔsusu hyiaa twan,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios