2 Berɛsosɛm 4:6 - New Revised Asante Twi Bible6 Na ɔyɛɛ nnwaresɛn du, na ɔde nnum sisii nifa fam, na ɔde nnum nso sisii atifi fam, sɛ wɔnhohoro nnoɔma ho wɔ mu; ɔhyeɛ afɔdeɛ nnoɔma no na wɔhohoro ho wɔ mu; na ɛpo no deɛ, ɛwɔ hɔ ma asɔfoɔ, na wɔahohoro wɔn ho wɔ mu. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron6 Na ɔyɛɛ nnwaresɛn du, na ɔde nnum sisii nifa fam, na ɔde nnum nso sisii atifi fam, sɛ wɔnhohoro nnoɔma ho wɔ mu; ɔhyeɛ afɔdeɛ nnoɔma no na wɔhohoro ho wɔ mu; na ɛpo no deɛ, ɛwɔ hɔ ma asɔfoɔ, na wɔahohoro wɔn ho wɔ mu. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm6 Ɔyɛɛ guasɛn du a wɔkora nsu a wɔde hohoro afɔrebɔde ho. Na emu anum wɔ Po no anafo fam na anum wɔ atifi fam. Asɔfo no de, na Po no ankasa mu nsu na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa guasɛn no mu nsu no bi. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm6 Ɔyɛɛ dwaresɛn edu a wɔkora nsuo a wɔde hohoro afɔrebɔdeɛ ho. Na emu enum wɔ Ɛpo no anafoɔ fam na enum wɔ atifi fam. Asɔfoɔ no deɛ, na Ɛpo no ankasa mu nsuo na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa dwaresɛn no mu nsuo no bi. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON6 Na ɔyɛɛ aguasɛn du, na ɔde anum sisii nifa fam na ɔde anum nso sisii benkum fam, sɛ wɔnhohoro nneɛma ho wɔ mu; ɔhyew afɔre nneɛma no na wɔhohoro ho wɔ mu; na ɛpo no de, ɛwɔ hɔ ma asɔfo, na wɔahohoro wɔn ho wɔ mu. Ver Capítulo |