Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 3:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔde sika kataa ɛdan no mpuna, aponnwa, n’afasuo ne n’apono ntanta no ho. Na ɔsenee kerubim guguu afasuo no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔde sika kataa ɛdan no mpuna, aponnwa, n’afasuo ne n’apono ntanta no ho. Na ɔsenee kerubim guguu afasuo no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasu, afadum, apon ne abobow ano nyinaa ho, na wodii kerubim sɛso adwinni wɔ afasu no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasuo, afadum, apono ne aboboano nyinaa ho, na wɔdii Kerubim sɛso adwinnie wɔ afasuo no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔde sika kataa ɔdan no mpuran, apongua, n’afasu ne n’apon ntanta no ho. Na oyiyii kerubim nsamaa afasu no ho.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 3:7
6 Referencias Cruzadas  

Na ɔde aboɔ a ne boɔ yɛ den duraa ɛdan no ho sɛ ahyehyɛdeɛ. Na sika no yɛ Parwaim sika.


Na tenabea no, yɛ no ntoma du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibire, ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛ ntomanwono mu adwini.


Na ntaaboɔ no, fa sika duradura ho, na fa sika yɛ ɛho nkaa no ma no nyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na fa sika duradura mmeamu no ho nso.


Na wɔn ahokekadeɛ fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyiwadeɛ mfonini, wɔn atantanneɛ no, ɛno nti na mɛma no adane efi ama wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios