Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 3:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na kerubim no ntaban ntwemu yɛ basafa du, baako ataban baako yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛka ɛdan no fasuo, ataban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa na ɛka kerub baako no ataban.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na kerubim no ntaban ntwemu yɛ basafa du, baako ataban baako yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛka ɛdan no fasuo, ataban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa na ɛka kerub baako no ataban.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Kerubim abien no a wosisi hɔ no ntaban ka bɔ mu a, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Kerubim baako ntaban baako a ɛpem ɔfasu no tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Ntaban baako no nso a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ɛne kerubim baako no ntaban hyia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Kerubim mmienu no a wɔsisi hɔ no ntaban ka bɔ mu a, ne ntrɛmu yɛ anammɔn aduasa. Kerubim baako ataban baako a ɛpem ɔfasuo no tentene yɛ anammɔn nson ne fa. Ataban baako no nso a ɛyɛ anammɔn nson ne fa no, ɛne Kerubim baako no ataban hyia.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na kerubim no ntaban atwemu si basafa du, obiako ntaban biako si basafa abien ne fa, na ɛka ɔfasu, ntaban biako no nso si basafa anum na ɛka kerub biako no ntaban.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 3:11
4 Referencias Cruzadas  

Na kronkron mu kronkronbea dan no mu no, ɔde dua senee kerubim mmienu, na ɔde sika duraa ho.


Na kerub baako no nso ataban yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛka ɛdan no fasuo no, na ataban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛpem kerub baako no ataban no.


Na ɔde kerubim no sisii akyire dan no mu, na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu. Ɔbaako ntaban ka ɔfasuo, na ɔbaako ntaban ka ɔfasuo baako no nso, na wɔn ntaban no hyia ɛdan no mfimfini, ntaban pem ntaban anim.


Wɔn ntaban no toatoa mu; wɔnnanedane wɔn ho wɔn nanteɛ mu; wɔn nyinaa kɔ anim tee.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios