Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 26:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Usia totoo aban atentene wɔ Yerusalem, ntweaso pono no so, ne bonhwa pono no so ne emu fam ntweaso no so, na ɔhyehyɛɛ no den.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na Usia totoo aban atentene wɔ Yerusalem, ntweaso pono no so, ne bonhwa pono no so ne emu fam ntweaso no so, na ɔhyehyɛɛ no den.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Usia sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɔtwɔw Pon ano, Obon Pon ano ne ɔfasu no ntwea mu no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Usia sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɛtwɛwa Ɛpono ano, Bɔnhwa Ɛpono ano ne ɔfasuo no ntwea mu no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na Usia totoo aban atenten Yerusalem, twea pon no so ne obon pon no so ne emu fam twea no so, na ɔhyehyɛɛ no den.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 26:9
10 Referencias Cruzadas  

Na Israelhene Yoas kyeree Ahasia ba Yehoas ba Yudahene Amasia wɔ Bet-semes; na ɔbaa Yerusalem bɛdwirii Yerusalem fasuo firi Efraim pono no ho de kɔsii ntwea pono no ho basafa ahanan.


Na Yudahene Amasia a ɔyɛ Yoas ba, Yehoahas ba deɛ, Israelhene Yoas kyeree no Bet-semes, na ɔde no baa Yerusalem na ɔdwirii Yerusalem fasuo no firii Efraim pono ho de kɔsii ntweaso pono no ho, basafa ahanu.


Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no.


Ɛnna anadwo no meforoo subonhwa no mekɔhwɛɛ ɔfasuo no, na mesane mefaa Bonhwa Pono no mu mebaa bio.


Bonhwa Pono no, Hanum ne Sanoafoɔ miamiaa mu, wɔn na wɔtoeɛ na wɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasuo no basafa ahanum de kɔsii Sumina Pono ano.


Ɔno so na Henadad ba Binui bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛka ho no mu de, firi Asaria fie no ho kɔsii kokoa no mu ne ntweaso no ho.


Na ntweaso abansoro dan no ne Nnwan Pono no ntam no, sika adwumfoɔ ne adwadifoɔ na wɔmiamiaa mu.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔbɛkyekyere kuro no ama AWURADE afiri Hananel abantenten ho akɔsi ntweaso ponkɛseɛ soɔ,


Asase no nyinaa bɛdane ayɛ sɛ Araba mpaperɛ so afiri Geba akɔsi Rimon a ɛwɔ Yerusalem anafoɔ fam no, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afiri Benyamin ponkɛseɛ ano de akɔsi kane ponkɛseɛ no siberɛ de akɔsi ntweaso ponkɛseɛ no ano, na afiri Hananel abantenten no ho de akɔsi ɔhene nsa-kyi-amena no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios