Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 26:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nna a Sakaria a ɔyɛ Nyankopɔn adehunu mu nhunumufoɔ no wɔ hɔ no nyinaa, na nna nso a ɔhwehwɛɛ AWURADE no, Onyankopɔn maa no dii yie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nna a Sakaria a ɔyɛ Nyankopɔn adehunu mu nhunumufoɔ no wɔ hɔ no nyinaa, na nna nso a ɔhwehwɛɛ AWURADE no, Onyankopɔn maa no dii yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sakaria bere so no, Usia hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan, efisɛ ɔkaa Onyankopɔn suro ho nsɛm kyerɛɛ no. Na esiane sɛ ɔhene no hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan no nti, Onyankopɔn maa no nkɔso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sakaria berɛ so no, Usia hwehwɛɛ Onyankopɔn akyiri ɛkwan, ɛfiri sɛ, ɔkaa Onyankopɔn suro ho nsɛm kyerɛɛ no. Na ɛsiane sɛ ɔhene no hwehwɛɛ Awurade akyiri kwan no enti, Onyankopɔn maa no nkɔsoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nna a Sakaria a ɔyɛ Onyankopɔn adehu mu nhumufo no wɔ hɔ no nyinaa, na nna nso a ɔhwehwɛɛ AWURADE no, Onyankopɔn ma odii yiye.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 26:5
24 Referencias Cruzadas  

Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Maso daeɛ, nso obiara nni hɔ a ɔtumi kyerɛ aseɛ; na wo na mate wo nka sɛ, wote daeɛ a, wotumi kyerɛ aseɛ.


Na Farao ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Yɛbɛtumi anya onipa bi a ɔte sɛ oyi a Nyankopɔn honhom wɔ ne mu yi anaa?


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Usia yɛeɛ nyinaa na ɔyɛeɛ;


Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na yɛ prɔmprɔm, na si AWURADE wo Nyankopɔn fie no, sɛdeɛ ɔkaa no wo ho no.


Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wobɛdi ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnneɛ wobɛyɛ prɔmprɔm. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro anaasɛ mma w’akoma nntu.


Na ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den Yuda, ɛfiri sɛ asase no so dwoe, na wanko ɔko biara mfeɛ no mu, ɛfiri sɛ AWURADE maa no ɔhome.


na ɔfiri adi kɔhyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa, montie me. AWURADE ne mo te, sɛdeɛ mo ne no teɛ yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔbɛgya mo.


Na Yoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so Ɔsɔfoɔ Yehoiada berɛ no so nyinaa.


nanso sɛ wosusu sɛ woyɛ saa a na wobɛnya ɔko no mu ahoɔden a, Onyankopɔn bɛma woahwe ase wo tamfo anim; ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔma obi hwe aseɛ.


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Amasia yɛeɛ no ara.


Na Yotam yɛɛ ɔberempɔn, ɛfiri sɛ ɔsiesiee n’akwan AWURADE ne Nyankopɔn anim.


Hesekia bɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Abia a ɛyɛ Sakaria ba.


Saa Hesekia yi ara sii Gihon nsuo atifi nsuniwa no ano, na ɔde nsuo no nam mpumpunaseɛ baa Dawid kuro no atɔeɛ fam. Na Hesekia dii yie ne nneyɛɛ nyinaa mu.


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.


Na mmerantewaa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne aniteɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nyinaa mu nhunumu.


Persiahene Kores afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo ne din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokorɛ, na ne nteaseɛ yɛ den, nanso ɔtee aseɛ ara, na ɔnyaa adehunu no mu nhunumu.


Ɛnna wɔyii ahuntasɛm no kyerɛɛ Daniel anadwo anisoadehunu mu. Ɛnna Daniel hyiraa ɔsoro Nyankopɔn;


Na mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase na wosane apɔ; na sɛ wotumi kenkan atwerɛ no kyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo ɔtankɔkɔɔ de sika atweaban agu wo kɔn mu, na woayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.


Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim? Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda? Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ.


Nso mo ara mo mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafoɔ no adi wɔn akyire.


Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.


Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anomu, na dwene ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ no wɔ mu nyinaa teɛ no: Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ɛbɛsi wo yie.


Na ɔman no som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma akɛseɛ a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios