2 Berɛsosɛm 26:10 - New Revised Asante Twi Bible10 Na ɔtotoo aban atentene nso ɛserɛ so, na ɔtutuu mmura pii, ɛfiri sɛ na ɔwɔ mmoakuo bebree mpaperɛ ne asaseta so. Ɔwɔ akuafoɔ ne bobeturoyɛfoɔ, mmepɔ so ne Karmel so, ɛfiri sɛ na ɔpɛ kua. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron10 Na ɔtotoo aban atentene nso ɛserɛ so, na ɔtutuu mmura pii, ɛfiri sɛ na ɔwɔ mmoakuo bebree mpaperɛ ne asaseta so. Ɔwɔ akuafoɔ ne bobeturoyɛfoɔ, mmepɔ so ne Karmel so, ɛfiri sɛ na ɔpɛ kua. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm10 Ɔsan sisii abankɛse wɔ sare so, tutuu mmura bebree, efisɛ na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔw ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfo bebree a wɔhwɛ ne mfuw ne ne bobeturo a ɛwɔ mmepɔw no nsian mu ne obon nsasebere no so. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm10 Ɔsane sisii abankɛseɛ wɔ ɛserɛ so, tutuu nsubura bebree, ɛfiri sɛ, na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔ ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfoɔ bebree a wɔhwɛ ne mfuo ne ne bobefuo a ɛwɔ mmepɔ no nsianeɛ mu ne bɔnhwa nsase bereɛ no so. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON10 Na ɔtotoo aban atenten nso sare so, na otutuu mmura pii, efisɛ ɔwɔ mmoakuw bebree tataw ne asasetaw so. Ɔwɔ akuafo ne bobe turoyɛfo, mmepɔw so ne Karmel so, efisɛ ɔpɛ kua. Ver Capítulo |