Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 22:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔno nso nantee Ahab fie akwan so, ɛfiri sɛ ne na tuu no fo sɛ ɔnni asɛmmɔne.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɔno nso nantee Ahab fie akwan so, ɛfiri sɛ ne na tuu no fo sɛ ɔnni asɛmmɔne.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛe no bi, efisɛ ne na hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛeɛ no bi, ɛfiri sɛ, ne maame hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔno nso nantew Ahab fi akwan so, efisɛ ne na tuu no fo sɛ onni asɛmmɔne.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 22:3
16 Referencias Cruzadas  

Na ɔfaa Ahab fiefoɔ kwan so, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fie, ɛfiri sɛ na Ahab ase ne no.


Ahasia dii mfeɛ aduanan mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene afe baako wɔ Yerusalem. Na ne na din de Atalia a ɔyɛ Omri ba.


Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fie, ɛfiri sɛ n’agya wuo akyiri no wɔn na wɔtuu no foɔ, na ɛmaa no guu asu.


Na Yehoiada wuo akyiri no, Yuda mmapɔmma ba bɛkotoo ɔhene no. Ɛnna ɔhene no tiee wɔn.


Na Atalia, ɔbɔnefoɔ no mma ahyɛne Nyankopɔn fie no mu, na AWURADE fie akronkronneɛ nyinaa nso, wɔahwere ama Baalim.


Na ɔnantee Israel ahemfo akwan so, na ɔyɛɛ guo ahoni nso maa Baalim.


Ɛnyɛ baako na Onyankopɔn yɛɛ mo wɔ ne honhom mu? Na ɛdeɛn ntira, sɛ mobɛwo mma a nyamesuro wɔ wɔn mu. Enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na ntwa wo mmeranteberɛ mu yerɛ nkontompo.


Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,


Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ yɛtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios