Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 2:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Nanso brɛ me ntweneduro ne pepeaa ne abako nnua firi Lebanon, na menim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua twa, na hwɛ, me nkoa bɛka wo nkoa ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Nanso brɛ me ntweneduro ne pepeaa ne abako nnua firi Lebanon, na menim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua twa, na hwɛ, me nkoa bɛka wo nkoa ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Afei, fa sida, ɔpepaw ne ɔbako nnua fi Lebanon brɛ me, efisɛ, minim sɛ wo mmarima no akyi no, obi nni hɔ wɔ nnuabu mu; na mɛsoma me mmarima na wɔabɛboa wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Afei, fa ntweneduro, pepeaa ne ɔbako nnua firi Lebanon brɛ me, ɛfiri sɛ, menim sɛ wo mmarima no akyi, obi nni hɔ wɔ nnuabuo mu, na mɛsoma me mmarima na wɔabɛboa wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Nanso brɛ me nkyeneduru ne ɔpopaw ne abako nnua fi Lebanon, na minim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua twa, na hwɛ, me nkoa bɛka wo nkoa ho.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 2:8
5 Referencias Cruzadas  

Na Hiram ahyɛnkuo a ɛde sika firi Ofir baeɛ no de samfona nnua bebree pa ara ne aboɔden aboɔ bae.


Na afei hyɛ na wɔmmu ntweneduro mfiri Lebanon mma me, na me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na mede wo nkoa apaadeɛ bɛma wo, sɛdeɛ wobɛka nyinaa; na wo ara wonim sɛ obi nni yɛn mu a ɔnim nnuabuo sɛ Sidonfoɔ.


Na Dawid kaa sɛ: Me ba Salomo yɛ abɔfra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na efie no, wɔnsi mma AWURADE mma no nso kɛseɛ pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛdeɛ mma nsase nyinaa, na enti mɛsiesie mama no. Na Dawid siesiee nnoɔma a wɔdi si dan pii pa ansa na ɔrewuo.


Na wɔnsiesie nnua pii pa mma me, na efie a merebɛsie no so na ɛyɛ nwanwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios