Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 2:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na afei soma ɔbarima nyansafoɔ bi brɛ me, na ɔmmɛdi sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, ntoma a ɛberedum, koogyan ne bibire mu adwini, na ɔnim nnua mu nsemayie nso, na ɔnka adwumfoɔ a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn asie no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na afei soma ɔbarima nyansafoɔ bi brɛ me, na ɔmmɛdi sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, ntoma a ɛberedum, koogyan ne bibire mu adwini, na ɔnim nnua mu nsemayie nso, na ɔnka adwumfoɔ a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn asie no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Enti ma me odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a obetumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae ne nnade adi adwinni; obi a onim sɛnea wɔhyɛ ntama aduru ma ɛyɛ bibiri, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yiye ne sika dwumfo a wakwadaw adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfo a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Enti, ma me odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a ɔbɛtumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ adi adwini; obi a ɔnim sɛdeɛ wɔhyɛ ntoma aduro ma ɛyɛ bibire, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yie ne nsemayifoɔ a wakwadare adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfoɔ a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na afei soma ɔbarima nyansafo bi brɛ me, na ommedi sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne ntama a ɛberedum ne adidi ne bibiri mu adwinni, na onim nnua mu nsamayi nso, na ɔnka adwumfo a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn no ho.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 2:7
9 Referencias Cruzadas  

Na Hiram ahyɛnkuo a ɛde sika firi Ofir baeɛ no de samfona nnua bebree pa ara ne aboɔden aboɔ bae.


ɔyɛ Naftali abusuakuo mu ɔbaa kunafoɔ bi ba, na n’agya yɛ Tironi a ɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ dwumfoɔ; na nyansa ne nhunumu ne kɔbere mfrafraeɛ adwinnie ho nimdeɛ nyinaa ahyɛ no ma; na ɔbaa Ɔhene Salomo nkyɛn bɛdii n’adwini nyinaa maa no.


Ɛfiri sɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a ɛyɛ, ne Nyankopɔn na ɔkyerɛkyerɛ no.


Yei nso, asafo AWURADE nkyɛn na ɛfire; n’agyinatuo yɛ nwanwa na ne nyansa nni ano.


Na ananafoɔ bɛto w’afasuo, na wɔn ahemfo asom wo; na m’abufuo mu na mehwee woɔ, na m’adɔeɛyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ.


Senir pepeaa na wɔde pempam w’ahyɛn afasuo, Lebanon ntweneduro na wɔfa de yɛɛ w’ahyɛn mu nnua;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios